×

من خلقني؟ ولماذا؟ كل شيء يدل على وجود الخالق (أكاني)

إعداد:

Hwan na bɔɔ me? Na deɛn nti na Ɔbɔɔ me?Biribiara kyerɛ sɛ Ɔbɔadeɛ no wɔ hɔ

Hwan na ɔbɔɔ asoro ne asaase ne abɔdeɛ akɛseɛ a ɛwɔ mu a wontumi ntwa ho nhyia?

Hwan na yɛɛ saa nhyehyɛeɛ pɛpɛɛpɛ a emu da hɔ fann wɔ ɔsoro ne asaase so?

Hwan na ɔbɔɔ onipa na ɔmaa no aso, ani ne adwene na ɔmaa no tumi a ɔde hu adeɛ na ɔfa mu aba kann?

Sɛn na wobɛsi akyerɛkyerɛ adwumayɛ pɔtee wɔ wo nipadua nhyehyɛeɛ ahoroɔ mu ne deɛ ɛwɔ abɔdeɛ a nkwa wom nipadua mu? Hwan na ɔbɔɔ no?

Esidɛn na wiase kɛseɛ yi nam nhyehyɛeɛ a wɔahyehyɛ no pɛpɛɛpɛ wɔ mfeɛ pii akyi di dwuma na ɛwɔ hɔ daa?

Hwan na de nhyehyɛeɛ ahodoɔ a ɛdi wiase yi so sii hɔ (nkwa ne owuo, ɔrema ateasefoɔ ase adɔre, adesaeɛ ne adekyeɛ, mmerɛ nsakraeɛ, ne neɛ ɛkeka ho)?

So ɛno ankasa na ɛbɔɔ amansan yi? Anaasɛ amfiri hwee mu na ɛbae? Anaasɛ ɛbae ara kwa na wohuu no?

Ɛdeɛn nti na onipa gye adeɛ a ɔnhunu di, te sɛ: (sua hunu, adwene, honhom, nkateɛ ne ɔdɔ). Ɛnyɛ ɛso nsunsuansoɔ nti na ma ɔgye di? Na ɛsidɛn na onipa po sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ a Ɔbɔɔ wiase kɛseɛ yi, aberɛ a ɔhunu N'abɔdeɛ, Ne nnwuma ne N'ahummɔborɔ so nsunsuansoɔ?

Obiara nni hɔ a ɔbɛgye adi; sɛ woka kyerɛ no sɛ: saa fie woi baaɛ aberɛ ɛnyɛ obiara na siiɛ! anaa woka kyerɛ no sɛ: prɛko pɛ na ɔnyaa fie woi!. Na esidɛn nti na nnipa binom gye wɔn a wɔka sɛ di: saa wiase kɛseɛ yi baaɛ a ɛnni bɔfoɔ biara? Ɛba no sɛn na ɔbadwemma bi bɛgye adi sɛ ɔka kyerɛ no sɛ: saa nhyehyɛeɛ pɛpɛɛpɛ a ɛwɔ wiase yi mu baa saa ara kwa?

Na Allah Okokuroko no kaa sɛ:(أَمۡ خُلِقُواْ مِنۡ غَيۡرِ شَيۡءٍ أَمۡ هُمُ ٱلۡخَٰلِقُونَ، أَمۡ خَلَقُواْ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضَۚ بَل لَّا يُوقِنُونَ). {Anaa sɛ ɛnyɛ obiara na bɔɔ wɔn anaa sɛ wɔn a na wɔbɔɔ wɔn ho Anaa wɔn na bɔɔ asoro ne asaase, daabi da wɔnni ahotɔsoɔ biara}.(35)[52 : 32].

Allah Ɔhoteeni Okokuroko no

Yɛ wɔ Awurade ne Ɔbɔadeɛ koro pɛ, Ɔwɔ din ne abɔdin a ɛyɛ akɛseɛ pii a ɛrekyerɛ no pɛpɛɛpɛyɔ, Ne din no mu bi ne: 'Al Khaliq' (Ɔbɔadeɛ), 'Ar Rahim' (Ahummɔborɔ Hene), 'Ar Razaq' (Adom Kyekyɛfoɔ), 'Al Karim' (Ɔyamyɛfoɔ) ne ''Allah'' na ɛno ne Awurade Nyankopɔn Ɔhoteeni Okokuroko no din a ahyeta pa ara, na asekyerɛ ne sɛ: neɛ Ɔfata sɛ yɛsom Ɔno nkoara a obiara nka no ho.

Allah Okokuroko no aka no wɔ ''Qur'ani Kronkron'' no mu sɛ:﴿قُلۡ هُوَ ٱللَّهُ أَحَدٌ Ka sɛ; Ɔno Allah no Ɔyɛ baako pɛ.* ٱللَّهُ ٱلصَّمَدُ *Allah ho so Ne ho so afebɔɔ.*لَمۡ یَلِدۡ وَلَمۡ یُولَدۡ *Ɔno a Ɔnwo ba ɛna yɛanwo no nso.*وَلَمۡ یَكُن لَّهُۥ كُفُوًا أَحَدُۢ﴾ *Ɛna tipɛn baako mpo nni hɔ a ɛwɔ hɔ ma no.[112: 1-4].

Na Allah Okokuroko no kaa sɛ:﴿اللَّهُ لا إِلَهَ إِلَّا هُوَ الْحَيُّ الْقَيُّومُ لا تَأْخُذُهُ سِنَةٌ وَلا نَوْمٌ لَهُ مَا فِي السَّمَوَاتِ وَمَا فِي الأَرْضِ مَنْ ذَا الَّذِي يَشْفَعُ عِنْدَهُ إِلَّا بِإِذْنِهِ يَعْلَمُ مَا بَيْنَ أَيْدِيهِمْ وَمَا خَلْفَهُمْ وَلا يُحِيطُونَ بِشَيْءٍ مِنْ عِلْمِهِ إِلَّا بِمَا شَاءَ وَسِعَ كُرْسِيُّهُ السَّمَوَاتِ وَالأَرْضَ وَلا يَئُودُهُ حِفْظُهُمَا وَهُوَ الْعَلِيُّ الْعَظِيمُ﴾ {Allah; onyame foforɔ biara nni hɔ agye Ɔno, Ɔno ne Ɔteasefo na Ɔwɔ nkwa daa, Ɔno na hwɛ biribiara so, Ɔnntɔ nko na Ɔnna, nneɛma a ɛwɔ asoro ne asaase so nyina ara wɔ No, hwan na bɛtumi adi ama obi wɔ N'anim agye Ɔno ara pɛ mu? Ɔnim neɛ ɛwɔ wɔn anim ne neɛ ɛwɔ wɔn akyi, na wontumi nhunu biribiara wɔ Ne nimdeɛ mu agye neɛ Ɔno ara pɛ, N'ahennwa mu trɛ wɔ asoro ne asaase so nyina ara, na wɔn mmienu no so hwɛ ɛmma no mmerɛ, na Ɔno na (dibea) wɔ soro paa na Ɔno na yɛ Ɔkɛseɛ pa ara}.[2 : 255].

Awurade Nyankopɔn Ɔhoteeni Okokuroko n'abɔdin.

Ar Rabb (Awurade Nyankopɔn) ne neɛ Ɔbɔɔ asaase na Ɔbrɛɛ n'ase, na Ɔyɛɛ no papa maa n'abɔdeɛ, na Ɔno ne neɛ Ɔbɔɔ asoro ne abɔdeɛ akɛseɛ akɛseɛ a ɛwɔ mu, ɛna Ɔmaa owia, bosome, adesaeɛ ne adekyeɛ saa mmerɛ pɔtee yi a ɛrekyerɛ Ne Kɛseyɔ.

Na Ɔno na abrɛ mframa ase ama yɛn, a sɛnka ɛnni hɔ a nka yɛnni nkwa, na Ɔno na Ɔsiane nsuo gu yɛn so, na Wabrɛ apo ne nsutene ase ama yɛn, na Ɔno ne neɛ na Ɔma yɛn aduannuro maa yɛyɛɛ frɔmfrɔm na Ɔbɔɔ yɛn ho ban wɔ berɛ a na yɛasuma wɔ yɛn mmamenom yafunu mu no, wɔ berɛ a na yɛnni ahoɔden biara no, na Ɔno na rema mogya di ahurisianeɛ wɔ yɛn ntene mu na yɛn Akoma rebɔ bere biara firi da a yɛwoo yɛn kɔpem da a yɛbɛwuo.

Na Allah Okokuroko no kaa sɛ:﴿وَاللَّهُ أَخْرَجَكُمْ مِنْ بُطُونِ أُمَّهَاتِكُمْ لَا تَعْلَمُونَ شَيْئًا وَجَعَلَ لَكُمُ السَّمْعَ وَالْأَبْصَارَ وَالْأَفْئِدَةَ لَعَلَّكُمْ تَشْكُرُونَ﴾ { ɛna Onyame Allah ɔno na ɔyee mo ɛfiri mo maame mo yafɔno mu na ɛnyɛ adeɛ a monim biribiara koraa ɛna ɔmaa mo aso a ɛte ɛne ɛniwa ɛhunu ɛne akoma, Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mo bɛdaase}(16: 78)

Ɛsɛ sɛ wɔbɔ Awurade a wɔsom noɔ no abɔdin a ɛwie pɛyɔ.

Yɛn Bɔfo akyɛ yɛn adwene a ɛhunu Ne kɛseyɔ, ɛna Wadua su bi wɔ yɛn mu a ɛkyerɛ yɛn pɛpɛɛpɛyɛ na Ɔmfata sɛ yɛde sintɔ biara bɛsusu no.

Ɛsɛ sɛ Nyamesom yɛ Allah Okokuroko no nkoara deɛ, ɛfiri sɛ Ɔno na wie pɛyɔ a Ɔfata sɛ yɛsom No, na biribiara a wɔbɛsom no a ɛnyɛ Ɔno no nyɛ nokware na ɛtɔ sin, na adekorɔ no yɛ adeɛ ɛwuo na ɛtwam.

Nyame no ntumi nyɛ Onipa, Nhoni, Dua, anaa Aboa bi!

Ɛmfata sɛ obi a ɔwɔ adwene bɛsom obiara gye nea ɔwie pɛyɛ, enti ɛbɛyɛ dɛn na watumi asom abɔdeɛ a ɔnwie pɛyɛ te sɛ ɔno ara anaa ɔba fam sen no!

Ɛntumi mma sɛ Awurade ayɛ mogyatoa wɔ ɔbaa awodeɛ mu na wawo no sɛ neɛ wɔwo abɔfra no!

Ar Rabb (Awurade) na bɔɔ abɔdeɛ, na abɔdeɛ hyɛ Ne nsa ne n'ahyɛdeɛ ase, ɛnti onipa ntumi nha no, anaa mmɔ no asɛndua mu, anaa ɛntwe n'aso anaa nnwu n'anim ase.

Entumi mma sɛ Awurade bɛwu.

Awurade ne neɛ Ne werɛ mfi adeɛ, na Ɔnna, na Ɔnnidi, na Ɔno ne Ɔkɛseɛ a ɛmfata sɛ Ɔwɔ ɔyere anaa ɔba; Na Ɔbɔadeɛ no wɔ abɔdin akɛseɛ a ɛmfata dabiara da sɛ wɔde ahiadeɛ anaa sintɔ bi bɛsusu no, na atwerɛsɛm biara a asɛm bi wɔ mu a ɛne Ɔbɔadeɛ Kɛseyɔ bɔ abira no; ɛfa neɛ wɔde susu akɔmhyɛfoɔ no yɛ atwerɛsɛm a wɔasesa no, na ɛnyɛ adiyisɛm a ɛyɛ nokware a Musa (Moses), Iesa (Jesus) ne wɔn a ɛkeka ho wɔ akɔmhyɛfoɔ mu - Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka wɔn- .

Na Allah Okokuroko no kaa sɛ:يَا أَيُّهَا النَّاسُ ضُرِبَ مَثَلٌ فَاسْتَمِعُوا لَهُ إِنَّ الَّذِينَ تَدْعُونَ مِنْ دُونِ اللَّهِ لَنْ يَخْلُقُوا ذُبَابًا وَلَوِ اجْتَمَعُوا لَهُ وَإِنْ يَسْلُبْهُمُ الذُّبَابُ شَيْئًا لَا يَسْتَنْقِذُوهُ مِنْهُ ضَعُفَ الطَّالِبُ وَالْمَطْلُوبُ (73) (Adasamma, yɛreyɛ mfatoho bi nti montie:"nokorɛ sɛ wɔn a mofiri Nyankopɔn akyi su frɛ wɔn no ntumi mmɔ nwansena mpo, sɛ wɔn nyinaa boa wɔn ho ano mpo a.Na sɛ nwansena hwim biribi firi wɔn hɔ a, wɔntumi nnye mfiri ne hɔ, nea ɔrehwehwɛ ne nea yɛrehwehwɛ afiri ne hɔ no nyinaa yɛ mmrɛ).(73)مَا قَدَرُوا اللَّهَ حَقَّ قَدْرِهِ إِنَّ اللَّهَ لَقَوِيٌّ عَزِيزٌ (74) Wɔmfa obuo mma Nyankopɔn sɛdeɛ ɛfata sɛ wɔde obuo ma No no. Nokorɛ sɛ, Nyankopɔn ne Ɔhoɔdenfoɔ, Ɔne Otumfoɔ.[22: 73, 74].

So ɛbɛtumi aba sɛ Ɔbɔadeɛ no bɛgya yɛn hɔ a yɛnni adiyisɛm?

Enti ɛbɛtumi aba sɛ Onyankopɔn bɔɔ saa abɔdeɛ yi nyinaa a Ɔnni tirimpɔ biara, So Ɔbɔɔ wɔn kwa berɛ a Ɔne nyansafoɔ na Ɔnim Ade Nyinaa no?

So ɛbɛtumi aba sɛ Nea ɔde pɛpɛɛpɛyɛ ne ahokokwa a ɛte saa bɔɔ yɛn na ɔde biribiara a ɛwɔ ɔsoro ne asaase so hyɛɛ yɛn ase no bɛbɔ yɛn a yɛnni tirimpɔ biara, anaasɛ Ɔbɛgyae yɛn a yɛnni nsɛmmisa a ɛho hia sene biara a ɛha yɛn adwene te sɛ: Dɛn nti na yɛwɔ ha? Na dɛn na ɛwɔ owu akyi? Dɛn ne yɛn mmɔeɛ botaeɛ?

Mmom, Onyankopɔn somaa asomafoɔ sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛhu tirimpɔ a ɛbata yɛn asetena mu, ne nea Ɔpɛ firi yɛn hɔ!

Onyankopɔn somaa asomafoɔ sɛ wɔnka nkyerɛ yɛn sɛ Ɔno nko ara na ɔfata sɛ wɔsom No, na wɔnkyerɛ yɛn sɛdeɛ yɛbɛsom No, na wɔabɔ yɛn amanneɛ wɔ N'ahyɛdeɛ ne deɛ wabara ho, na wɔakyerɛkyerɛ yɛn suban pa a sɛ yɛbata ho a, yɛn asetena bɛyɛ krɔgyee a papa ne nhyira ahyɛ mu ma.

Na Allah asoma akɔmhyɛfoɔ pii binom te sɛ [ Nuh (Noah), Ibrahim (Abraham), Musa (Moses) ne Iesa (Jesus)] na Allah maa saa akɔmhyɛfoɔ yi nsɛnkyerɛnne ne anwanwasɛm a ɛrekyerɛ sɛ wɔnom yɛ nokwaredifoɔ na wɔsomaa wɔnom firii Ɔbɔadeɛ no hɔ.

Ɔsomafoɔ a ɔtwa toɔ ne Muhammad (Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no), na Allah sianee Kur'ani Kronkron no maa no.

Na asomafoɔ no ka kyerɛ yɛn pefee sɛ saa asetena yi yɛ nsɔhwɛ na nokware asetena no bɛba owuo akyi.

Na ɔsoro ahemman turo wɔ hɔ ma agyidifoɔ a wɔsom Nyankopɔn nko ara a Ɔnni hokafoɔ biara no na wɔgyee asomafoɔ no nyinaa diiɛ, na ogya bi nso wɔ hɔ a Nyankopɔn asiesie ama wɔn a wɔannye annie a wɔsom anyame foforɔ kaa Nyankopɔn ho no anaasɛ wɔannye Nyankopɔn asomafoɔ no mu biara anni no.

Na Onyame krɔnkɔnii Nɔ akasɛ:

يَابَنِي آدَمَ إِمَّا يَأْتِيَنَّكُمْ رُسُلٌ مِنْكُمْ يَقُصُّونَ عَلَيْكُمْ آيَاتِي فَمَنِ اتَّقَى وَأَصْلَحَ فَلَا خَوْفٌ عَلَيْهِمْ وَلَا هُمْ يَحْزَنُونَ (35) (Adam mma,sɛ asomafoɔ firi mo mu ba mo nkyɛn bɛkenkan Me nsɛm kyerɛ mo a, deɛ ɔbɛsuro Nyankopɔn na ɔbɛyɛ ntotoeɛ pa no, suro biara mma wɔn so, na wɔrenni awerɛhoɔ biara nso.)(35)وَالَّذِينَ كَذَّبُوا بِآيَاتِنَا وَاسْتَكْبَرُوا عَنْهَا أُولَئِكَ أَصْحَابُ النَّارِ هُمْ فِيهَا خَالِدُونَ (36) (Na wɔn a wɔbu Yɛn nsɛm no atorɔsɛm, na wɔyɛ ho ahomasoɔ no, wɔne egya no mu nneduafoɔ na wɔbɛtena mu afe bɔɔ).[7 : 35,36].

Na Ɔhoteeni no kaa sɛ:﴿ أَفَحَسِبْتُمْ أَنَّمَا خَلَقْنَاكُمْ عَبَثًا وَأَنَّكُمْ إِلَيْنَا لَا تُرْجَعُونَ ﴾ {Ɛnti mo susu sɛ yɛbɔɔ mo saa ara kwa na yɛn kyɛn na yɛnsan nfa mo mma anaa}.[23: 115].

Kuran Twire krɔnkrɔn

Kur'ani Kronkron: ɛno ne Allah Okokuroko n'asɛm a Ɔsiane maa ɔkɔmhyɛni a ɔtwa toɔ Muhammad, na ɛno ne anwanwasɛm kɛseɛ pa ara a ɛrekyerɛ nokware a Muhammad (Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no) nkɔmhyɛ no yɛ, na ɛno na ne mmrasɛm ne n'amanebɔsɛm nyinaa yɛ nokware, na Allah retwa wɔn a ɛtwa so nkontompo ne sɛ wɔmfa saa Kur'ani yi sɛsoɔ mmra sɛ ɛyɛ yikyerɛ koro pɛ mpo a, nanso wɔantumi ɛnam ɔkwan ne nyansakwan a ɛmu nsɛm no teɛ nti, na adanseɛ a ɛtɔ asom ne neɛ abɔdeɛ mu nhwehɛmu pii wɔ hɔ a ɛrekyerɛ sɛ saa nwoma yi ntumi mma sɛ nnipa na twerɛɛeɛ na mmom ɛyɛ nnipa Wura Ɔhoteeni Okokuroko n'ano asɛm.

Deɛn nti na Asomafoɔ dodoɔ yɛ pii?

Allah firi tete asoma akɔmhyɛfoɔ sɛ wɔmfrɛ nnipa nkɔ wɔ Wura nkyɛn, na wɔmmɔ n'ahyɛdeɛ ne n'akyiwadeɛ ho dawuro nkyerɛ wɔn, na na wɔn dawubɔ no nyinaa ne sɛ: wɔnsom Allah Okokuroko no nko ara, na berɛ biara a dɔmkuo bi bɛhyɛ aseɛ sɛ wɔreto deɛ wɔn kɔmhyɛni debaaɛ no agyaemu no, te sɛ gyedie wɔ Allah mu no, Allah yi ɔsomafoɔ foforɔ ma no bɛtene ɔkwan no, na ɔsan de nnipa akɔ kwan tenenee no so a ɛyɛ Allah mu gyedie ne sotie ma No, kɔpem sɛ Allah de Muhammad (Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no) twaa nkɔmhyɛ no to, ɔno na de mmrasɛm a ɛwɔ hɔ daa prɛko pɛ brɛɛ nnipa kɔpem atemmuada, neɛ ɛrebɛhyɛ na apepa mmrasɛm a edii n'anim kan no, na Awurade Tumifoɔ Okokuroko no ahyɛ sɛ saa mmrasɛm ne amanesɛm yi bɛka hɔ daa akɔpem atemmuada.

Ne saa nti no, yɛn Muslimifoɔ gye akɔmhyɛfoɔ ne nnwoma a ediikan no nyina ara di sɛ neɛ Allah rehyɛ yɛn.

Na Allah Okokuroko no kaa sɛ:﴿ءَامَنَ ٱلرَّسُولُ بِمَاۤ أُنزِلَ إِلَیۡهِ مِن رَّبِّهِۦ وَٱلۡمُؤۡمِنُونَۚ كُلٌّ ءَامَنَ بِٱللَّهِ وَمَلَـٰۤىِٕكَتِهِۦ وَكُتُبِهِۦ وَرُسُلِهِۦ لَا نُفَرِّقُ بَیۡنَ أَحَدࣲ مِّن رُّسُلِهِۦۚ وَقَالُوا۟ سَمِعۡنَا وَأَطَعۡنَاۖ غُفۡرَانَكَ رَبَّنَا وَإِلَیۡكَ ٱلۡمَصِیرُ﴾ {Ɔsomafoɔ no agye neɛ Ɔsoma firii n'awurade nkyɛn maa noɔ no adi, na sa ara nso na agyedifoɔ no agye adi, wɔnom nyina ara agye Allah, ne n'abɔfoɔ, ne No nnwoma ne n'asomafoɔ no adi, yɛnyɛ nnyiyimu biara wɔ asomafoɔ no mu, na neɛ wɔka ne sɛ ''yɛate na yɛayɛ sotie nso'', yɛsrɛ wo bɔnefakyɛ yɛ wura Nyankopɔn na wo nkyɛn na yɛbɛsan aba}.[2: 285]. [2: 285].

Obi ntumi nyɛ gyidieni gye sɛ ɔgye asomafoɔ no nyinaa di.

Deɛ Ɔsomaa asomafoɔ no ɛyɛ Onyankopɔn Allah Na deɛ ɔbɛyi nyikyerɛ no mu baako boniayɛ no ɛnneɛ wayi nyikyerɛ no nyinaa boniayɛ, na bɔne biara nni hɔ a ɛso sene sɛ obi bɛpo Nyankopɔn nyikyerɛ no, sɛ obi bɛwura ɔsoro ahemman turo no mu no, ɛwɔ sɛ ɔgye asomafoɔ no nyinaa di.

Enti ɛyɛ ɔhyɛ ma obiara ɛnnɛ berɛ yi sɛ ɔgye Allah akɔmhyɛfoɔ no nyina ara di, na entumi mma saa gye sɛ ɔgye na ɔdi wɔn kaakyire ne neɛ ɔtwa wɔn to Muhammad (Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no) di.

Allah aka no Kur'ani Kronkron mu sɛ obibiara a ɔbɛpo ɔsomafoɔ no mu biara wɔ Allah asomafoɔ no mu no na wayi Allah boniayɛ na watwa adiyisɛm no so kontompo:

Kenkan yikyerɛ (Aya) a edidi so yi:"إنَّ الَّذِينَ يَكْفُرُونَ بِاللَّهِ ورُسُلِهِ ويُرِيدُونَ أنْ يُفَرِّقُوا بَيْنَ اللَّهِ ورُسُلِهِ ويَقُولُونَ نُؤْمِنُ بِبَعْضٍ ونَكْفُرُ بِبَعْضٍ ويُرِيدُونَ أنْ يَتَّخِذُوا بَيْنَ ذَلِكَ سَبِيلًا "Nokorɛ Ɛsipi sɛ, wɔn a wɔnnye Nyankopɔn ne N'asomafoɔ no nni, na wɔpɛ sɛ wɔpaapae Nyankopɔn ne N'asomafoɔ no ntam,na wɔka sɛ:"yɛgye ebinom di, na yɛnnye ebinom nso nni",na wɔhwehwɛ kwan wɔ (gyedie ne boniayɛ) ntam no",أُولَئِكَ هُمُ الكافِرُونَ حَقًّا وأعْتَدْنا لِلْكَفَرَيْنِ عَذابًا مُهِينًا﴾". "Weinom ne boniayɛfoɔ paa no, na yɛasiesie animguaseɛ asotwee ato boniayɛfoɔ no hɔ".[4: 150,151].

Ɛdeɛn ne Nkramosom (Islama)?.

Islamsom ne sɛ wode gyedie rebrɛ wo ho ase ama Allah Okokuroko no, na wode sotie rebrɛ wo ho ase ama No, na wode pene ne nnyetom redi ne mmrasɛm so.

Na Allah de nkrasɛm koro na somaa asomafoɔ no; ɛno ne: sɛ wɔrebɔ dawuro afrɛ amanfoɔ ama wɔasom Allah nkoara a obiara nka No ho.

Na Islamsom ne akɔmhyɛfoɔ no nyinaa som, enti wɔn dawubɔsɛm yɛ adekorɔ na wɔn mmrasɛm no yɛ sononko, na ɛnnɛ yi Muslimifoɔ nko ara na kura nokware som a akɔmhyɛfoɔ no nyinaa de baaɛ no mu, na Islamsom nkrasɛm wɔ saa mmerɛ yi mu ne nokware no, ɛfiri sɛ Awurade a ɔsomaa Ibrahim (Abraham), Musa (Moses) ne Iesa (Jesus) no ara na somaa asomafoɔ no kaakyire Muhammad, na Islamsom mmrasɛm no ba bɛpepaa mmrasɛm a ɛdii n'anim kan no.

Esipi sɛ asom ahodoɔ a amanfoɔ som ɛnnɛ yi -agye Islamsom- yɛ ɛsom a nnipa de aba, anaa sɛ na ɛyɛ Nyamesom krɔgyenn ɛna afei nnipa de wɔn nsa sesaa no maa no bɛyɛɛ gyedihunu, tete abakɔsɛm ne nnipa mmɔdemmɔ a adi afra. Na mmom Muslimifoɔ gyedie no deɛ; ɛyɛ gyedisɛm koro pɛ a ɛmu da hɔ a ɛnsesa, na hwɛ Kur'ani Kronkron no; ɛyɛ nwoma baako wɔ muslimifoɔ nkuro nyinaa so.

Na Allah Okokuroko no kaa no wɔ Kur'aan mu sɛ:

قُلْ آمَنَّا بِاللَّهِ وَمَا أُنْزِلَ عَلَيْنَا وَمَا أُنْزِلَ عَلَى إِبْرَاهِيمَ وَإِسْمَاعِيلَ وَإِسْحَاقَ وَيَعْقُوبَ وَالْأَسْبَاطِ وَمَا أُوتِيَ مُوسَى وَعِيسَى وَالنَّبِيُّونَ مِنْ رَبِّهِمْ لَا نُفَرِّقُ بَيْنَ أَحَدٍ مِنْهُمْ وَنَحْنُ لَهُ مُسْلِمُونَ (84) "Ka sɛ, 'Yɛgye Onyankopɔn ne deɛ wasane aba yɛn so, ne deɛ Ɔsane demaa Abraham ne Ismael ne Isak ne Yakob ne mmusuakuo no, ne deɛ wɔde maa Moses ne Yesu ne Akɔmhyɛfo firi wɔn Awurade nkyɛn no di, yemfa nsonsonoeɛ biara mma wan mu biara mu, na Ɔno na yɛbrɛ yɛ ho ase ma No.(84).وَمَنْ يَبْتَغِ غَيْرَ الْإِسْلَامِ دِينًا فَلَنْ يُقْبَلَ مِنْهُ وَهُوَ فِي الْآخِرَةِ مِنَ الْخَاسِرِينَ 85). Na obiara a ɔbɛfiri Islam akyi ahwehwɛ ɔsom foforɔ bi no, yɛnnye ne so; na ɔbɛka brɛguofoɔ no ho Awieeɛ Da no.[3: 84,85].

Muslimifoɔ gyedie wɔ Iesa (Jesus)- Allah asomdwoeɛ nka no- ne sɛn?

So wonim sɛ ɛyɛ nhyɛ sɛ Muslimini biara gye Allah kɔmhyɛni Iesa (Jesus) di, na wɔdɔ no, na wɔbu no, na wɔgye Ne nkrasɛm di; a ɛyɛ frɛ a ɔrefrɛ sɛ wɔnsom Allah nkutoo na wɔmfa biribiara nka No ho!Na Muslimifoɔ gyedi sɛ ɔkɔmhyɛni Iesa ne ɔkɔmhyɛni Muhammad (Allah asomdwoeɛ nka wɔn) na wɔyɛ akɔmhyɛfoɔ, na esipi sɛ ɔsomaa wɔn mmienu sɛ wɔmɛtene nnipa nkɔ Onyamekwan ne ɔsoro aheman kwan so.

Na yɛgyedi nso sɛ Iesa (Jesus)Yesu -Allah asomdwoeɛ nka no- na ɔka asomafoɔ atitriw a Allah Okokuroko no somaa wɔnom no ho, na yɛgyedi sɛ wɔwoo no nsɛnkyerɛnne kwan so, na Allah abɔ yɛn amaneɛ wɔ Kur'ani mu sɛ; Ɔbɔɔ Iesa sɛ ɔnni papa sɛneɛ Ɔbɔɔ Adam sɛ ɔnni papa ɛna ɔnni maame no, ɛfiri sɛ Ɔno Allah no na wɔ ade nyinaa so Tumi.

Na yɛgyedi sɛ Iesa (Jesus) nyɛ Onyankopɔn, anaa Onyankopɔn ba, na wɔammɔ no asɛndua mu nso na mmom ɔte ase, Allah pagyaa no kɔɔ Ne nkyɛn sɛneɛ ɔbɛsiane aba awieɛ berɛ no sɛ otemmuafoɔ pɛpɛɛpɛni, na ɔbɛka Muslimifoɔ ho ɛfiri sɛ Muslimifoɔ na yɛ agyedifoɔ a wɔgye gyedisɛm a Iesa (Jesus) ne akɔmhyɛfoɔ no debaaɛ no di.

Allah abɔ yɛn amaneɛ wɔ Kur'ani mu sɛ Iesa nkrasɛm no Akristofoɔ asesa no, na wɔn a ɛsesaa no bi yɛ ayerafoɔ a wɔsesaa no na wɔdaneee apam dada no na wɔde nsɛm no bi kaa ho a Iesa (Jesus) anka, na neɛ ɛresi asɛm yi so dua ne apam dada ne foforɔ (bible) a ɛwɔ su ahodoɔ mu ne akyinnyeɛ ahodoɔ a ɛwɔ mu ho.

Allah abɔ yɛn amaneɛ fa Iesa (Jesus) ho sɛ na ɔsom n'awurade na wannhwehwɛ amfiri obiara hɔ sɛ ɔnsom no, na mmom na ɔhyɛ ne nkorɔfoɔ sɛ wɔnsom ne Bɔfo, nanso ɔbonsam ama Akristofoɔ resom Iesa, na Allah rebɔ yɛn amaneɛ wɔ Kur'ani mu sɛ esipi sɛ Ɔmfa obibiara a ɔsom biribi a ɛnyɛ Allah bɔne nkyɛ no, na atemmuada no Iesa (Jesus) bɛtwe ne ho afiri wɔn a wɔsom noɔ ho, na waka akyerɛ wɔn sɛ ''mehyɛɛ mo sɛ monson Ɔbɔadeɛ no, na manhyɛ mo sɛ monsom me. Adanseɛ a ɛfa saa asɛm yi ho ne Okokuroko n'asɛm a Ɔkaa sɛ:

﴿یَـٰۤأَهۡلَ ٱلۡكِتَـٰبِ لَا تَغۡلُوا۟ فِی دِینِكُمۡ وَلَا تَقُولُوا۟ عَلَى ٱللَّهِ إِلَّا ٱلۡحَقَّۚ إِنَّمَا ٱلۡمَسِیحُ عِیسَى ٱبۡنُ مَرۡیَمَ رَسُولُ ٱللَّهِ وَكَلِمَتُهُۥۤ أَلۡقَىٰهَاۤ إِلَىٰ مَرۡیَمَ وَرُوحࣱ مِّنۡهُۖ فَـَٔامِنُوا۟ بِٱللَّهِ وَرُسُلِهِۦۖ وَلَا تَقُولُوا۟ ثَلَـٰثَةٌۚ ٱنتَهُوا۟ خَیۡرࣰا لَّكُمۡۚ إِنَّمَا ٱللَّهُ إِلَـٰهࣱ وَ ٰ⁠حِدࣱۖ سُبۡحَـٰنَهُۥۤ أَن یَكُونَ لَهُۥ وَلَدࣱۘ لَّهُۥ مَا فِی ٱلسَّمَـٰوَ ٰ⁠تِ وَمَا فِی ٱلۡأَرۡضِۗ وَكَفَىٰ بِٱللَّهِ وَكِیلࣰا﴾ Mo a yama mo Nyamesom ho Nwoma, monhwε yie na moanyε (nneεma bi) amma no antra so wͻ mo Nyamesom no mu; na monhwε na moanka biribi anto Nyakopͻn so, na mmom (monka) deε εyε nokorε. Yesu Kristo, Mar'yam ba no, ͻyε Onyankopͻn Somafoͻ ne N'asεm a Ɔto maa Mar'yam, ne honhom a efiri Nehͻ. Enti monye Nyankopͻn ne N'asomafoͻ no ni. Monhwε na moanka sε: (Anyame) Mmiεnsa. Sε motwe moho (firi saa asԑm no ho a), εyε ma mo. Nyankopͻn deε Ɔyε Awurade baako, Kronkron Hene ne no sε Ɔbεwo ba. Deε εwͻ soro ne deε εwͻ asaase so nyinaa wͻ no. Onyankopͻn ne Okyitaafoͻ a Ɔsom bo paa.[4 : 171].

Na Allah Okokuroko no kaa sɛ:(وَإِذْ قَالَ اللَّهُ يَا عِيسَى ابْنَ مَرْيَمَ أَأَنتَ قُلْتَ لِلنَّاسِ اتَّخِذُونِي وَأُمِّيَ إِلَٰهَيْنِ مِن دُونِ اللَّهِ ۖ قَالَ سُبْحَانَكَ مَا يَكُونُ لِي أَنْ أَقُولَ مَا لَيْسَ لِي بِحَقٍّ ۚ إِن كُنتُ قُلْتُهُ فَقَدْ عَلِمْتَهُ ۚ تَعْلَمُ مَا فِي نَفْسِي وَلَا أَعْلَمُ مَا فِي نَفْسِكَ ۚ إِنَّكَ أَنتَ عَلَّامُ الْغُيُوبِ Na kae εberε a Nyankopͻn bεka no wͻ (Atemmuda) sε: "Mar'yam ba Yesu, wona woka kyerεε adasamma sε: "Monfa me (Yesu) ne me maame nyε anyame mmienu nka Nyankopͻn ho no?" Yesu bεka sε: "Kronkron Hene ne Wo (Awurade). Menni ho kwan sε mεka asεm a menni ho kwan sε meka. Sε mekaae a, anka ampa sε Wonim. Wonim deε εwͻ m'akoma mu (nyinaa), na medeε mennim deε εwͻ W'akoma mu. Nokorε sε Wone (Otumfoͻ) a Wonim Asumade no nyinaa.(5 :116)

Deɛ ɔpɛ nkonim atemmuada no, na ɛsɛ fata no sɛ ɔwura Islamsom mu, na ɔdi ɔkɔmhyɛni Muhammad (Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no) akyi.

Nokwasɛm baako a nkɔmhyɛfoɔ ne asomafoɔ, asomdwoeɛ nka wɔn, gye too mu ne sɛ, Muslimifoɔ a wɔgye Onyankopɔn Kokuroko no die na wɔmfa obiara mmata ne som ho na wɔgye adiyifoɔ ne asomafoɔ no nyinaa di nko ara na wɔbɛnya nkwagyeɛ wɔ owuo akyi no. Wɔn a na wɔwɔ Ɔkɔmhyɛni Mose berɛ so, na wɔgyee no diiɛ na wɔdii ne nkyerɛkyerɛ akyi no yɛ Muslimifoɔ papa ne agyidifoɔ, nanso Onyankopɔn somaa Yesu akyi no, ɛsɛ sɛ Mose akyidifoɔ gye Yesu di na wɔdi n'akyi. Na obiara a ɔbɛpo sɛ ɔbɛgye Yesu adi na waka sɛ "mɛtena Mose som no mu" no yɛ obi a ɔnyɛ gyidie ni. Efiri sɛ ɔpoo sɛ ɔbɛgye odiyifoɔ bi a Onyankopɔn asoma no adi, afei Onyankopɔn somaa asomafoɔ no mu nea ɔtwa toɔ, Muhammad akyi no, ɛsɛ sɛ obiara gye no di, na Awurade na ɔsomaa Mose ne Yesu, na Ɔno ara na ɔsomaa asomafoɔ no nsɔano no, Muhammad.Na deɛ ɔbɛyi Muhammad- Nyame nhyira ne asomdwoe nka no no soma no boniayɛ no,na waka sɛ: "mɛkɔ so adi Mose anaa Yesu akyi"no, ɔno saa no nyɛ gyidieni.

Ɛnsommo mma obi sɛ ɔbɛka sɛ ɔbu Muslimifoɔ, na saa ara nso na ɛntumi nsommo mma ne nkwagyeɛ wɔ owuo akyire sɛ ɔbɛma adɔeɛ na wasane aboa ahiafoɔ. Mmom, ɛsɛ sɛ ɔyɛ obi a ɔgye Onyankopɔn, Ne nwoma, N'asomafoɔ, ne Awieeɛ Da no die,sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Nyame bɛgye atom afiri ne hɔ, Bɔne kɛseɛ biara nni hɔ a ɛso kyɛn mmatahosom ne Onyankopɔn mu gyidie a ɔpo, adiyisɛm a Onyankopɔn asiane no, anaasɛ wobɛpo N'akɔmhyɛfoɔ no nsɔano Muhammad- Nyame nhyira ne asomdwoe nka no.Yudafoɔ ne Akristofoɔ,wɔn a wɔtee Muhammad, Onyankopɔn Somafoɔ no adiyisɛm no ho asɛm - Nyankopɔn nhyira ne asomdwoeɛ nka no- na wɔpoo sɛ wɔbɛgye no adi, na wɔpoo sɛ wɔbɛwura Islam som mu no: Wɔbɛtena amanehunu gya mu daa, sɛnea Nyankopɔn kae no:

{إِنَّ الَّذِينَ كَفَرُوا مِنْ أَهْلِ الْكِتَابِ وَالْمُشْرِكِينَ فِي نَارِ جَهَنَّمَ خَالِدِينَ فِيهَا ۚ أُولَـٰئِكَ هُمْ شَرُّ الْبَرِيَّةِ} Esipi sɛ wɔn a ayi bonniayɛ wɔ wɔn a Yɛmaa wɔn nwoma no mu ne abosomsomfoɔ no wɔ ogya dareɛ mu a wɔbɛka mu afebɔɔ, na wɔnom ne abɔdeɛ mu abɔdeɛ bɔne pa ara no.[98: 6].

Esiane sɛ Allah asiane nkrasɛm a ɛtwa toɔ a ɛfiri ne nkyɛn ama adasamma no nti, ayɛ nhyɛ wɔ onipa biara a ɔte Islamsom ho asɛm na ɔte ɔkɔmhyɛni a ɔtwa toɔ no nkrasɛm no sɛ ɔgye die na ɔdi ne mmrasɛm so, na ɔyɛ sotie ma no wɔ n'ahyɛdeɛ ne n'ahobrasɛm so, ɛfiri sɛ obibiara a ɔbɛte saa nkrasɛm a ɛtwa toɔ yi na wapo no, Allah nnye biribiara a ɛfiri ne nkyɛn ntom, na Ɔbɛtwe n'aso atɛmmuada.

﴿وَمَن یَبۡتَغِ غَیۡرَ ٱلۡإِسۡلَـٰمِ دِینࣰا فَلَن یُقۡبَلَ مِنۡهُ وَهُوَ فِی ٱلۡـَٔاخِرَةِ مِنَ ٱلۡخَـٰسِرِینَ﴾ { Na obibiara a ɔbɛpɛ ɛsom bi a ɛnyɛ Islamsom no, yɛnnye ntom dabiara da, na ɔbɛka nkoguofoɔ no ho atɛmmuada no}.[3 : 85].

Na Allah Okokuroko no kaa sɛ:(قُلْ يَا أَهْلَ الْكِتَابِ تَعَالَوْا إِلَىٰ كَلِمَةٍ سَوَاءٍ بَيْنَنَا وَبَيْنَكُمْ أَلَّا نَعْبُدَ إِلَّا اللَّهَ وَلَا نُشْرِكَ بِهِ شَيْئًا وَلَا يَتَّخِذَ بَعْضُنَا بَعْضًا أَرْبَابًا مِّن دُونِ اللَّهِ ۚ فَإِن تَوَلَّوْا فَقُولُوا اشْهَدُوا بِأَنَّا مُسْلِمُونَ) { Ka sɛ oh nwomafoɔ monbra wɔ kasa baako pɛ ɛnkyirɛkyirɛ a ɛwɔ yɛ ne montɛm sɛ yɛn nsom obiara nokware mo agye Onyame Allaah ɛna yɛnyɛ mmataho nka Allah ho koraa ɛna yɛnfa yɛmu yɛmu adesom bi ɛfiri Allah akyi, Nasɛ ɔmo ɛbrɛnkyi ɛdani ɔmo akye a, monkasɛ yɛ di adanseɛ sɛ nokorɛ yɛyɛ muslimifoɔ }.(3: 64).

Ɛdeɛn na mehia ansa na mayɛ muslimini?

Ansa na wobɛwura Islamsom mu no, ɛsɛ sɛ wogye saa fapim nsia yi di.

Gyidie wɔ Onyankopɔn Tumfoɔ mu, sɛ Ɔno ne Ɔbɔadeɛ, Adom kyɛfoɔ, Ɔhwɛfoɔ, Owura, sɛ biribiara nni hɔ a ɛte sɛ Ɔno, sɛ Ɔnni ɔyere anaa mma, na Ɔno nko ara na ɔfata sɛ wɔsom no.

Wobɛgye asoro abɔfoɔ adi, na wagye adi sɛ wɔnom yɛ nkoa ma Allah, Ɔbɔɔ wɔn firii nhyerɛnee mu, ɛna Ɔyɛɛ wɔn adwuma no mu bi ne sɛ wɔde adiyisɛm siane brɛ N'akɔmhyɛfoɔ

Sɛ wobɛgye nnwoma a Allah siane maa N'akɔmhyɛfoɔ nyinaa adi (te sɛ 'Taurat' ne 'Injiil') apam dada ne apam foforɔ no - ansa na wɔresesa ɛmu nsɛm - ɛne nwoma a ɛtwa toɔ; ɛyɛ 'Qur'ani' Kronkron no.

Wobɛgye asomafoɔ no nyinaa adi te sɛ Nuh (Noah), Ibrahim (Abraham), Musa (Moses), I'esa (Jesus) ne neɛ ɔtwa wɔnom to Muhammad - Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka wɔn - na gyedi sɛ wɔnom yɛ nnipa a Allah de adiyisɛm boaa wɔn na Ɔmaa wɔn nnyinasosɛm ne nsɛnkyerɛnee a ɛkyerɛ wɔn nokwaredie.

Wobɛgye awieɛ berɛ (atemmuada) no adi, berɛ a Allah bɛnyane adikanfoɔ ne bediakyirifoɔ na Allah abua N'abɔdeɛnom ntam atɛn, na Wɔde agyedifoɔ awura ɔsoro aheman mu na abonniayɛfoɔ nso awura ogya dareɛ no mu.

Sɛ wobɛgye hyɛberɛ adi, na wagye adi sɛ Allah nim biribiara a atwa mu ne deɛ ɛbɛsi daakye, na gyedi sɛ Ɔno Allah no; Ɔnim dada na Watwerɛ na Wapene so, na Ɔno na bɔɔ biribiara.

Islam ne anigyeɛ kwan no

Islam yɛ adiyifoɔ nyinaa som na ɛnyɛ ɔsom a ɛfa Arabfoɔ ho pɔtee.

Islam ne nokware anigyeɛ kwan wɔ wiase ne daa adom wɔ owuo akyi asetena mu.

Islam nko ara ne som a ɛtumi di ɔkra ne nipadua ahiadeɛ ho dwuma, na ɛdi nnipa haw nyinaa ho dwuma.

Na Allah Okokuroko no kaa sɛ:

{قَالَ اهْبِطَا مِنْهَا جَمِيعًا بَعْضُكُمْ لِبَعْضٍ عَدُوٌّ فَإِمَّا يَأْتِيَنَّكُمْ مِنِّي هُدًى فَمَنِ اتَّبَعَ هُدَايَ فَلا يَضِلُّ وَلا يَشْقَى {Ɔkaa sɛ : mo mmienu nyinaa monsiane, moyɛ mo ho mo ho atamfo.Enti sɛ akwankyerɛ firi Me hɔ ba mo hɔ, na deɛ ɔbɛdi M'akwankyerɛ no akyire no,ɔnyera na ɔnyɛ Tiri bɔne (mmɔbɔ) (nso}.وَمَنْ أَعْرَضَ عَنْ ذِكْرِي فَإِنَّ لَهُ مَعِيشَةً ضَنْكًا وَنَحْشُرُهُ يَوْمَ الْقِيَامَةِ أَعْمَى {Na obi a ɔbɛtwe ne ho afiri Me nkaakaeɛ ho no,ɔbɛnya ahokyerɛ asetena, Wusɔreɛ da no,Yɛbɛnyane no onifirani}.[20: 123 ,124].

Deɛn mfasoɔ na mɛnya sɛ mewura Islamsom mu a?.

Mfasoɔ kɛseɛ wɔ mu sɛ wowura Islamsom mu a, ɛmu bi ne:

Ɛyɛ nkonim ne animuonyamhyɛ wɔ wiase sɛ onipa bɛyɛ akoa ama Allah, ɛnyɛ saa na ɔyɛ akoa de ma ahuhusɛm, akɔnnɔ bɔne ne ɔbonsam.

Nkonimdie kɛseɛ wɔ owuo akyi asetena mu ne sɛ wobɛgye wo afiri Ogyadareɛ no mu, akɔ Oturo / Osuro aheman mu, na woadi nkonim anya Onyankopɔn anigyeɛ ne daa nkwa wɔ Oturo / Osuro aheman mu.

Wɔn a Onyankopɔn gye wɔn tom wɔ Ɔsuro aheman mu no bɛtena ase daa wɔ anigye a owuo anaa yareɛ, ɛyaw, awerɛhow, anaa onyin biara nni mu na wobenya biribiara a wɔpɛ.

Wɔ ɔsoro aheman mu no, anigyedeɛ binom wɔ hɔ a ani biara nhuu da, na aso biara ntee ɛho asɛm da, na onipa biara nsusuu ho asɛm da.

Nnyinasosɛm a ɛfa ho bi ne Okokuroko Nsɛm a Waka sɛ:﴿مَنۡ عَمِلَ صَـٰلِحࣰا مِّن ذَكَرٍ أَوۡ أُنثَىٰ وَهُوَ مُؤۡمِنࣱ فَلَنُحۡیِیَنَّهُۥ حَیَوٰةࣰ طَیِّبَةࣰۖ وَلَنَجۡزِیَنَّهُمۡ أَجۡرَهُم بِأَحۡسَنِ مَا كَانُوا۟ یَعۡمَلُونَ﴾ (Obiara a ɔdi dwumadi pa, sɛ ɔyɛ ɔbarima anaa ɔbaa, na ɔyɛ agyidifoɔ no, Yɛbɛma no asetena pa na Yebetua wɔn akatua pa wɔ wɔn dwumadie a wɔ redi).[16 : 97].

Ɛdeɛn na mɛhwere sɛ mepo Islamsom a?

Onipa bɛhwere nimdeɛ ne suahunu kɛseɛ, na ɛno ne suahunu ne nimdeɛ a ɛfa Allah ho, na onipa bɛhwere Allah mu gyedie a ɛma onipa ahobanbɔ ne akomatɔeɛmu wɔ wiase mu ne adom a ɛnsa da wɔ atemmuada no mu.

Onipa bɛhwere Allah nwoma kɛseɛ a Wasiane ama nnipa no akenkan, ne gyedie wɔ saa nwoma kɛseɛ yi mu.

Ɔbɛhwere gyedie wɔ akɔmhyɛfoɔ akɛseɛ no mu sɛneɛ ɔbɛhwere wɔn ayɔnkofa wɔ ɔsoro aheman mu atemmuada no, na ayɔnkofoɔ ayɛ bonsam, nsɛmmɔnefoɔ ne atirimuɔdenfoɔ wɔ ogya dareɛ no mu, na ɛno ne fie ne ayɔnko bɔne pa ara.

Na Allah Okokuroko no kaa sɛ:

قُلْ إِنَّ الْخَاسِرِينَ الَّذِينَ خَسِرُوا أَنْفُسَهُمْ وَأَهْلِيهِمْ يَوْمَ الْقِيَامَةِ أَلا ذَلِكَ هُوَ الْخُسْرَانُ الْمُبِينُ (15) {Ka sɛ; esipi sɛ nkoguofoɔ ne wɔn a ahwere wɔn kra ne wɔn abusuafoɔ atemmuada no, ɛnti ɛnyɛ woi ne nkoguo a ɛda adi pefee?} 15.لَهُمْ مِنْ فَوْقِهِمْ ظُلَلٌ مِنَ النَّارِ وَمِنْ تَحْتِهِمْ ظُلَلٌ ذَلِكَ يُخَوِّفُ اللَّهُ بِهِ عِبَادَهُ يَا عِبَادِ فَاتَّقُونِ } . {Wɔnom wɔ nkurusoɔ ne ɛfam kuntu a wɔde ogya na ayɛ, woi ne adeɛ a Allah de rebɔ Ne nkrɔfoɔ kɔkɔ, O! Me nkrɔfoɔ monsuro Me}.[39: 15 ,16].

Mɛntwentwɛn wogyinasie so!.

Wiase nnyɛ efie ɛbɛka hɔ afebɔɔ.

Afɛɛfɛdeɛ a ɛwɔ mu nyina ara bɛfiri mu, na akɔnɔdeɛ a ɛwɔ mu biara bɛdum.

Na da bi bɛba a Wɔbɛbu onipa atɛn wɔ mu ɛfa dwumadie a wadi ato n'anim nyinaa ho, na saa da no ne atɛmmuada no, Allah Okokuroko no kaa sɛ:{وَوُضِعَ الْكِتَابُ فَتَرَى الْمُجْرِمِينَ مُشْفِقِينَ مِمَّا فِيهِ وَيَقُولُونَ يَا وَيْلَتَنَا مَالِ هَذَا الْكِتَابِ لاَ يُغَادِرُ صَغِيرَةً وَلاَ كَبِيرَةً إِلاَّ أَحْصَاهَا وَوَجَدُوا مَا عَمِلُوا حَاضِرًا وَلاَ يَظْلِمُ رَبُّكَ أَحَدًا} {Na wɔbɛ bue nnwumadie nwoma no mu ato hɔ, na wobɛhunu sɛ atirimuɔdenfoɔ no abɔ hu ɛnam deɛ ɛwɔ mu nti, na wɔnom bɛka sɛ, '' Yeeh due nka yɛn! ɛdeɛn nwoma na ɛnnyae biribi ketewa bi anaa kɛseɛ bi agye sɛ akan yi?'' Na wɔnom bɛnya wɔn nnwumadie wɔ wɔn anim, na wo Wura (Allah) deɛ Ɔnsisiri obiara}.[18 : 49].

Na Allah Okokuroko Tumifoɔ no abɔ yɛn amaneɛ sɛ onipa biara a ɔmmerɛ ne ho ase (nsom Islamsom no), esipi sɛ ne sankɔbea bɛyɛ ogya dareɛ no mu afebɔɔ.

Na brɛguo nyɛ adeɛ a ɛyɛ mmrɛ koraa na mmom ɛyɛ kɛseɛ:{وَمَن يَبْتَغِ غَيْرَ الْإِسْلَامِ دِينًا فَلَن يُقْبَلَ مِنْهُ وَهُوَ فِي الْآخِرَةِ مِنَ الْخَاسِرِينَ } Na Obibiara a ɔbɛ som ɔsom foforɔ a ɛnyɛ Islam som no, ɛnyɛ ade a yɛbɛgye Ne som no atumu da biara da, na atemmuada no Ɔbɛka nkuguofoɔ ho.[3 : 85].

Islam yɛ ɔsom a wɔ n'akyi no Onyankopɔn nnye ɔsom foforɔ biara ntom.

Nyankopɔn bɔɔ yɛn na ne nkyɛn na yɛsan kɔ na wiase yi yɛ sɔhwe de ma yɛn.

Onipa biara nhunu Nimdikae nokorɛ sɛ: Ma obi nnya awerɛhyem: Saa nkwa yi yɛ tiaa te sɛ dae... na obiara nnim bere a obewu!

Na dɛn na ɛbɛyɛ wo mmuaeɛ ma wo Bɔfo no sɛ Ɔbisa wo wɔ Owusɔre Da no sɛ: Deɛn nti na woanni nokware no akyi? Adɛn nti na woanni Adiyifoɔ Nsɔano no akyi a?

Na wode deɛn na ɛbɛbua w'Awurade Owusɔre Da no, wɔ berɛ a Wabɔ wo kɔkɔ fa nsunsuansoɔ a ɛbɛfiri Islam mu gyidie a wonni no mu aba no ho, na Waka akyerɛ wo sɛ atiafoɔ no nkrabea ne daa ɔsɛeɛ a ɛwɔ egya no mu?

Na Allah Okokuroko no kaa sɛ:﴿وَالَّذِينَ كَفَرُوا وَكَذَّبُوا بِآيَاتِنَا أُولَئِكَ أَصْحَابُ النَّارِ هُمْ فِيهَا خَالِدُونَ﴾ {Na wɔn a wɔnnye nnie na wɔpo Yɛn nsɛnkyerɛnne ahoroɔ no,saa nkorɔfoɔ no ne egya no mu nneduafoɔ}.[2: 39]. [2: 39].

Nyinasoɔ biara nni hɔ mma nea ɔgyae nokware no na ɔsuasua agyanom ne nananom.

Ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn no ka kyerɛ yɛn sɛ nnipa pii po sɛ wɔbɛwura Islam mu esiane suro a wɔsuro fa wɔn astena mu nnoɔma a atwa wɔn ho ahyia.

Nnipa pii po Islam ɛfiri sɛ wɔmpɛ sɛ wɔsesa wɔn gyidie a wɔnya firii wɔn agyanom hɔ, na abɛyɛ wɔn su na wɔn mu pii po ɛnam ahofama ne atorɔ ho akɔnnɔ a ayɛ adedie ama wɔn na ɛsi wɔn kwan.

Na saa nkorɔfoɔ no nyinaa nni yei ho anoyie biara, na wɔbɛgyina Nyankopɔn anim wɔ berɛ a wɔnni nnyinasoɔ biara.

Ɛnyɛ nnyinasoɔ mma obi a ɔnnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ sɛ ɔbɛka sɛ, "Mɛkɔ so ayɛ obi a ɔnnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ efiri sɛ wɔwoo me too abusua a wɔnnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ mu!" Mmom no, ɛsɛ sɛ ɔde adwene a Onyankopɔn de ama no no di dwuma, na ɔde n'adwene susu ɔsoro ne asaase kɛseyɔ ho, na ɔde n'adwene susu ho sɛ ne Bɔfo na Ɔde maa no sɛ ɔbɛhunu sɛ amansan yi wɔ Ɔbɔadeɛ, Saa ara nso na nea ɔsom aboɔ ne abosom nni nnyinasoɔ biara sɛ ɔbɛsuasua n'agyanom, Mmom no, ɛsɛ sɛ ɔhwehwɛ nokware no na ɔbisa ne ho sɛ: Ɔkwan bɛn so na mesom ade a nkwa nnim a ɛntumi nte me nka, na ɛntumi nhunu me, anaasɛ ɛntumi mma me mfasoɔ biribiara?!

Na saa ara nso na ɛsɛ sɛ okristoni a ɔgye nneɛma ɛne nteaseɛ ne adwene bɔ abira di bisa ne ho sɛ"ɛbɛyɛ dɛn na Nyankopɔn atumi akum ne ba a na ɔnyɛ bɔne biara esiane nnipa afoforɔ bi bɔne nti? Yei nyɛ pɛpɛyɛ! Ɛbɛyɛ dɛn na nnipa atumi abɔ Nyankopɔn no ba asɛnnua mu na wɔakum no? So Nyankopɔn ntumi mfa adasamma bɔne nkyɛ wɔn wɔ berɛ a Ɔmma wɔn kwan mma wɔnkum Ne ba no? So Awurade ntumi mmɔ ne ba no ho ban?

Ɛyɛ Onyansafoɔ asɛdeɛ sɛ ɔdi nokware no akyi, na ɛnsɛ sɛ ɔsuasua agyanom ne nananom wɔ atorɔsɛm mu.

Na Allah Okokuroko no kaa sɛ:﴿وَإِذَا قِیلَ لَهُمۡ تَعَالَوۡا۟ إِلَىٰ مَاۤ أَنزَلَ ٱللَّهُ وَإِلَى ٱلرَّسُولِ قَالُوا۟ حَسۡبُنَا مَا وَجَدۡنَا عَلَیۡهِ ءَابَاۤءَنَاۤۚ أَوَلَوۡ كَانَ ءَابَاۤؤُهُمۡ لَا یَعۡلَمُونَ شَیۡـࣰٔا وَلَا یَهۡتَدُونَ﴾ Sɛ yɛka kyerɛ wɔn sɛ:"Mommra ma yɛnkɔ deɛ Nyankopɔn asiane no mu, na yɛnkɔ Ɔsomafoɔ no hɔ a, asɛm a wɔka ne sɛ:"deɛ yɛbɛtoo yɛn agyanom sɛ wɔwɔ soɔ no ara som bo ma yɛn". Ɛmmom na wɔn agyanom nnim hwee na wɔannya tenenee nso.[5 :104].

Dɛn na ɛsɛ sɛ obi a ɔpɛ sɛ ɔsakra kɔ Islam mu na osuro n'abusuafoɔ haw ne ateetee ma ne ho ɛyɛ?.

Obiara a ɔpɛ sɛ ɔsakyera kɔ Islam mu na ɔsuro nemantamfoɔ a wɔn atwa ne ho ahyia no, ɔbɛtumi sakyera akɔ Islam mu na ɔde ne Islam asie kɔsi sɛ Onyankopɔn bɛma no kwan pa a ɔbɛtumi ade ne ho na wada ne Islam adi.

Ɛsɛ sɛ wogye Islam tom ntɛm ara, nanso ɛnsɛ sɛ wobɔ wɔn a wɔatwa wo ho ahyia no amanneɛ wɔ wo Islam ho anaasɛ wobɔ ho dawuro, sɛ ɛno de haw bɛbrɛ wo a.

Na hunu sɛ wosakyera kɔ Islam mu a, wobɛyɛ onua ama Muslimfoɔ ɔpepem, na wobɛtumi ne nyamedan anaa Islamsom beaeɛ a ɛwɔ wo man mu adi nsawosoɔ na wabisa wɔn afotuo ne mmoa, na wɔn ani bɛgye saa.

Na Allah Okokuroko no kaa sɛ:

{وَمَنْ يَتَّقِ اللَّهَ يَجْعَلْ لَهُ مَخْرَجًا وَيَرْزُقْهُ مِنْ حَيْثُ لَا يَحْتَسِب} {Na obiara a ɔsuro Onyankopɔn no, Ɔbɛbie kwan ama no,na Wabɔ no akɔnhoma afiri faako a ɔnni ho anidasoɔ koraa}[65 : 2، 3]

Oh ɔkenkanfoɔ onimuonnyamfoɔ!

Ɛnti, sɛ wobɛyɛ deɛ ɛsɔ Onyankopɔn, wo Bɔfo no ani - a ɔde N'adom nyinaa domm wo, na ɔmaa wo aduane berɛ a na woyɛ mogyatoa wɔ wo maame awotwaa mu na ɔmaa wo mframa a wohome mprempren no - ho nhia nsene nnipa abotɔyam a wɔbɛnya wɔ wo hɔ anaa?

So wiase ne atemmuada mu nkonimdie no mfata sɛ wode asetena yi mu akɔnɔdeɛ ɛretwa mu berɛ tiawa yi mu nyinaa bɛbɔ afɔreɛ? Aane! Mede Allah di nse sɛ ɛfata.

Mma wo kane asetena nsi wo kwan sɛ wobɛsiesie w'akwan bɔne no na woayɛ ade a ɛyɛ

Yɛ gyidini nokwarefoɔ nnɛ! Mma Satan kwan mma ɔnsi wo kwan sɛ wobɛdi nokware no akyi!

Na Allah Okokuroko no kaa sɛ:

{يَا أَيُّهَا النَّاسُ قَدْ جَاءَكُمْ بُرْهَانٌ مِنْ رَبِّكُمْ وَأَنزلْنَا إِلَيْكُمْ نُورًا مُبِينًا (174) { Oh Nipa eii nokware ngyinasoɔ aba mo nkyɛn firi mo Wura hɔ, Na y'asane hann pefee ama mo }.فَأَمَّا الَّذِينَ آمَنُوا بِاللَّهِ وَاعْتَصَمُوا بِهِ فَسَيُدْخِلُهُمْ فِي رَحْمَةٍ مِنْهُ وَفَضْلٍ وَيَهْدِيهِمْ إِلَيْهِ صِرَاطًا مُسْتَقِيمًا (175) } Na wɔn a wɔagye Allah adi na wɔsɔ No mu pintinn no, Wɔ de wɔn bɛwura ahummɔborɔ ne adom a ɛwɔ No nkyɛn mu na Ɔbɛtene wɔn aba No nkyɛn ɛwɔ kwan tenenee so}.[4: 174 ,175].

So wayɛ krado sɛ wobɛsi gyinaeɛ kɛseɛ pa ara wɔ w'abrabɔ mu?

Sɛ yeinom nyinaa yɛ nea ntease wom ma wo, na woahu nokware wɔ w'akoma mu a, ɛnneɛ ɛsɛ sɛ wotu anammɔn a edi kan a ɛbɛma woabɛyɛ Muslimini, wopɛ sɛ meboa wo ma wosi agyinae a ɛyɛ sene biara wɔ w'asetena mu na mema wo akwankyerɛ fa ɔkwan a wobɛfa so abɛyɛ Muslimini?

Mma wo bɔne nsi wo kwan sɛ wobɛwura Islam mu, Onyankopɔn aka akyerɛ yɛn wɔ Kur'aan mu sɛ Ɔde obi bɔne nyinaa kyɛ no sɛ ɔwura Islam mu na ɔsakyera kɔ ne Bɔfoɔ nkyɛn a,ɛmpo kɔpem berɛ a wogyee Islam too mu no akyi, ɛyɛ awosu sɛ wobɛyɛ bɔne binom.Yɛyɛ nnipa na yɛnyɛ abɔfoɔ a wɔnni mfomsoɔ biara, nanso deɛ wɔhwehwɛ firi yɛn hɔ ne sɛ yɛbɛsrɛ Nyankopɔn bɔne fafire ne nsakyeraeɛ kɔ Ne nkyɛn, na sɛ Onyankopɔn hunu sɛ wode ahopeperɛ gyee nokorɛ no too mu na wowuraa Islam mu na wokenkan gyidie adansedie mmienu no a, afei Ɔbɛboa wo ama woagyae bɔne foforo biara a aka, na deɛ ɔbɛgye Nyankopon no atom na wadi nokore no akyi no, Onyankopon bɛkyerɛ no papa akwan pii, enti seesei ɛntwentwɛn wo nan ase sɛ wobɛwura Islam mu.

Nnyinasosɛm a ɛfa ho bi ne Okokuroko N'asɛm a Waka sɛ:﴿قُل لِّلَّذِینَ كَفَرُوۤا۟ إِن یَنتَهُوا۟ یُغۡفَرۡ لَهُم مَّا قَدۡ سَلَفَ﴾ Kakyerɛ aboniayɛfoɔ no sɛ :"Sɛ wɔgyae a Ɔde deɛ atwam no bɛkyɛ wɔn}[8 : 38].

Deɛbɛn na mɛyɛ a mɛdane Muslimini?

Sɛ worewura Islamsom mu yɛ dwumadie a ɛyɛ mmerɛ, na ɛnhia amanneɛ bi anaa aban mu nkrataasɛm anaa gye dɔm binom wɔ hɔ ansa, neɛ ɛhia wɔ onipa so ara ne sɛ ɔka adansedisɛm mmienu no wɔ berɛ a ɔte neɛ ɔreka n'ase na ɔgye neɛ ɔreka no di, na ɛbe sɛ wobɛka sɛ: (''Ash hadu allaa ilaha illa llah, wa ash hadu anna Muhammadar rasuulu llah''). Medi adanseɛ sɛ onyame biara nni hɔ agye Allah na medi adanseɛ nso sɛ Muhammad yɛ Ne somafoɔ, sɛ wobɛtumi aka no wɔ Arabik kasa mu a ɛyɛ papa, na sɛ Arabik kasa no yɛ wo den a, ɛneɛ wobɛtumi aka no wɔ wo kurom kasa mu, sɛ woka woi a; woayɛ Muslimini, na afei ɛsɛ sɛ wosua wo som a ɛbɛyɛ w'anigyeɛ ho fapem wɔ wiase yi mu ha na ɛbɛma wo nkonimdie awieɛ berɛ no (atemmuada).

Sɛ wopɛ Islam ho nsɛm pii a, metu wo fo sɛ kɔ hwɛ wɛbsaet no so:

Link a ɛkyerɛ Kuran Kronkron no asekyerɛ ase akɔ ........kasa mu:

Sɛ wopɛ sɛ wosua sɛnea wɔde Islam di dwuma a, yɛhyɛ wo sɛ wura wɛbsaet no so:

Hwan na bɔɔ me? Na deɛn nti na Ɔbɔɔ me?Biribiara kyerɛ sɛ Ɔbɔadeɛ no wɔ hɔ

Allah Ɔhoteeni Okokuroko no

Awurade Nyankopɔn Ɔhoteeni Okokuroko n'abɔdin.

Ɛsɛ sɛ wɔbɔ Awurade a wɔsom noɔ no abɔdin a ɛwie pɛyɔ.

So ɛbɛtumi aba sɛ Ɔbɔadeɛ no bɛgya yɛn hɔ a yɛnni adiyisɛm?

Kuran Twire krɔnkrɔn

Deɛn nti na Asomafoɔ dodoɔ yɛ pii?

Obi ntumi nyɛ gyidieni gye sɛ ɔgye asomafoɔ no nyinaa di.

Ɛdeɛn ne Nkramosom (Islama)?.

Muslimifoɔ gyedie wɔ Iesa (Jesus)- Allah asomdwoeɛ nka no- ne sɛn?

Ɛdeɛn na mehia ansa na mayɛ muslimini?

Islam ne anigyeɛ kwan no

Deɛn mfasoɔ na mɛnya sɛ mewura Islamsom mu a?.

Ɛdeɛn na mɛhwere sɛ mepo Islamsom a?

Mɛntwentwɛn wogyinasie so!.

Nyinasoɔ biara nni hɔ mma nea ɔgyae nokware no na ɔsuasua agyanom ne nananom.

Dɛn na ɛsɛ sɛ obi a ɔpɛ sɛ ɔsakra kɔ Islam mu na osuro n'abusuafoɔ haw ne ateetee ma ne ho ɛyɛ?.

Oh ɔkenkanfoɔ onimuonnyamfoɔ!

So wayɛ krado sɛ wobɛsi gyinaeɛ kɛseɛ pa ara wɔ w'abrabɔ mu?

Deɛbɛn na mɛyɛ a mɛdane Muslimini?


معلومات المادة باللغة الأصلية