×

Hwan na bɔɔ wiase? Na hwan na bɔɔ me? Na deɛn nti na Ɔbɔɔ me?

Ɛnti me wɔ kwan tenenee so anaa?

Hwan na ɔbɔɔ asoro ne asaase ne abɔdeɛ akɛseɛ a ɛwɔ mu a wontumi ntwa ho nhyia?

Hwan na yɛɛ saa nhyehyɛeɛ pɛpɛɛpɛ a emu da hɔ fann wɔ ɔsoro ne asaase so?

Hwan na ɔbɔɔ onipa na ɔmaa no aso, ani ne adwene na ɔmaa no tumi a ɔde hu adeɛ na ɔfa mu aba kann?

Hwan na hyɛɛ saa adwinnie yi a ɛyɛ pɛpɛɛpɛ wɔ wo honam akwaa mu ase, na ɔnwenee wo na ɔyɛɛ wo bɔbea fɛɛfɛɛfɛ?

Dwene ho kɔ akyire; ɛyɛ wiase yi mu abɔdeɛ wɔ sɛneɛ wɔgu mu ahodoɔ na wɔda nso, hwan na hyɛɛ aseɛ de wɔpueɛ a ɛhyeɛ anaa sintɔ biara nni ho?

Esidɛn na wiase kɛseɛ yi nam nhyehyɛeɛ a wɔahyehyɛ no pɛpɛɛpɛ wɔ mfeɛ pii akyi di dwuma na ɛwɔ hɔ daa?

Hwan na de nhyehyɛeɛ ahodoɔ a ɛdi wiase yi so sii hɔ (nkwa ne owuo, ɔrema ateasefoɔ ase adɔre, adesaeɛ ne adekyeɛ, mmerɛ nsakraeɛ, ne neɛ ɛkeka ho)?

So saa wiase yi ara na bɔɔ no ho? Anaa sɛ ɛmfiri baabiara na ɛbaaeɛ? Anaa saa ara kwa na yɛnyaaɛ? Allah Okokuroko no kaa sɛ:﴿أَمْ خُلِقُوا مِنْ غَيْرِ شَيْءٍ أَمْ هُمُ الْخَالِقُونَ (٣٥) {Anaa sɛ ɛnyɛ obiara na bɔɔ wɔn anaa sɛ wɔn a na wɔbɔɔ wɔn ho} (35)أَمْ خَلَقُوا السَّمَاوَاتِ وَالْأَرْضَ بَلْ لَا يُوقِنُونَ﴾ {Anaa wɔn na bɔɔ asoro ne asaase, daabi da wɔnni ahotɔsoɔ biara}.[Suratu Turi: 35-36].

Na sɛ yɛammɔ yɛn ho na sɛ ɛrentumi mma sɛ yɛ mfiri biribiara mu na baaɛ anaa yɛbaa saa ara kwa deɛ a, ɛneɛ na nokware a akyinnyeɛ biara nni ho ne sɛ: sɛ neɛ ɛteɛ biara ɛsɛ sɛɛ saa wiase yi wɔ Ɔbɔfoɔ, Okokuroko Otumifoɔ, sɛ ɛntumi mma sɛ wiase no ara na bɔɔ ne ho, anaa sɛ prɛko pɛ na baaɛ anaa sɛ ɛbaa saa ara kwa deɛ a.

Ɛdeɛn nti na onipa gye adeɛ a ɔnhunu di, te sɛ: (sua hunu, adwene, honhom, nkateɛ ne ɔdɔ). Ɛnyɛ ɛso nsunsuansoɔ nti na ma ɔgye di? Na ɛsidɛn na onipa po sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ a Ɔbɔɔ wiase kɛseɛ yi, aberɛ a ɔhunu N'abɔdeɛ, Ne nnwuma ne N'ahummɔborɔ so nsunsuansoɔ?

Ɔbadwemma biara nni hɔ a ɔbɛgye adi; sɛ woka kyerɛ no sɛ: saa fie woi baaɛ aberɛ ɛnyɛ obiara na siiɛ! anaa woka kyerɛ no sɛ: prɛko pɛ na ɔnyaa fie woi!. Na esidɛn nti na nnipa binom gye wɔn a wɔka sɛ di: saa wiase kɛseɛ yi baaɛ a ɛnni bɔfoɔ biara? Ɛba no sɛn na ɔbadwemma bi bɛgye adi sɛ ɔka kyerɛ no sɛ: saa nhyehyɛeɛ pɛpɛɛpɛ a ɛwɔ wiase yi mu baa saa ara kwa?

Woi nyina ara de yɛ kɔ wie botaeɛ baako so, ɛne sɛ saa wiase yi wɔ Wura, Okokuroko, Otumifoɔ a Ɔhwɛ so, na Ɔno nko ara na Ɔfata sɛ yɛsom no, na biribiara a wɔsom a ɛnyɛ Ɔno no nyɛ nokware, na adekorɔ no mfata sɛ wɔsom noɔ.

Owura a Ɔbɔadeɛ Okokuroko no.

Yɛwɔ Owura a Ɔbɔadeɛ baako pɛ, Ɔno ne Ɔhene, Ɔhwɛsofoɔ, Adom Kyekyɛfoɔ a Ɔma nkwa na Ɔkum, na Ɔno na bɔɔ asaase na Ɔbrɛɛ no ase, ɛna Wayɛ no papa de ama N'abɔdeɛ, na Ɔno ne neɛ Ɔbɔɔ asoro ne abɔdeɛ akɛseɛ a ɛwɔ mu nyina ara, ɛna Wama awia, bosome, adesaeɛ ne adekyeɛ nhyehyɛeɛ pɔtee a ɛrekyerɛ ne kɛseyɔ.

Na Ɔno na abrɛ mframa ase ama yɛn, a sɛnka ɛnni hɔ a nka yɛnni nkwa, na Ɔno na Ɔsiane nsuo gu yɛn so, na Wabrɛ apo ne nsutene ase ama yɛn, na Ɔno ne neɛ na Ɔma yɛn aduannuro maa yɛyɛɛ frɔmfrɔm na Ɔbɔɔ yɛn ho ban wɔ berɛ a na yɛasuma wɔ yɛn mmamenom yafunu mu no, wɔ berɛ a na yɛnni ahoɔden biara no, na Ɔno na ma mogya di ahurisianeɛ wɔ yɛn ntene mu firi da a yɛwoo yɛn kɔpem da a yɛbɛwuo.

Saa Owura yi, Ɔbɔadeɛ Adom Kyekyɛfoɔ no; Ɔno ne Allah Ɔhoteeni Okokuroko no.

Na Allah Okokuroko no kaa sɛ:﴿إِنَّ رَبَّكُمُ اللَّهُ الَّذِي خَلَقَ السَّمَاوَاتِ وَالْأَرْضَ فِي سِتَّةِ أَيَّامٍ ثُمَّ اسْتَوَى عَلَى الْعَرْشِ يُغْشِي اللَّيْلَ النَّهَارَ يَطْلُبُهُ حَثِيثًا وَالشَّمْسَ وَالْقَمَرَ وَالنُّجُومَ مُسَخَّرَاتٍ بِأَمْرِهِ أَلَا لَهُ الْخَلْقُ وَالْأَمْرُ تَبَارَكَ اللَّهُ رَبُّ الْعَالَمِينَ﴾ {Esipi sɛ, mo Wura Nyankopɔn no ne Allah no a Ɔde nna nsia bɔɔ asoro ne asaase no, ɛna afei Ɔde Ne ho sii ahennwa so, Ɔde adekyeɛ kata adesaeɛ so, [adesaeɛ foforɔ] taa no ntɛmtɛm; na [Ɔbɔɔ] awia, bosome ne nsoroma a wɔbrɛ wɔn ho ase ma N'ahyɛdeɛ, akyennie biara nni ho sɛ abɔdeɛ ne ahyɛdeɛ nyina ara wɔ no, nhyira wɔ Allah; ɛwiase Wura}.[Suratul A'araf 54].

Allah no ne Awurade; abɔdeɛ a ɛwɔ ɛwiase, ɛyɛ deɛ yɛhunu ne neɛ yɛnhunu nyina ara Bɔfo, na biribiara a ɛnyɛ Ɔno no yɛ N'abɔdeɛ no mu bi, na Ɔno nkoara na fata sɛ yɛsom no, na ɛnni sɛ yɛsom obiara ka No ho, Ɔnni hokafoɔ biara wɔ N'ahennie mu, n'abɔdeɛ mu, Ne nhwɛsoɔ mu anaa Ne som mu.

Sɛ akyinnyeɛ nti na yɛfa no sɛ anyame foforo wɔ hɔ a ɛnyɛ ade Nyinaa so Tumifoɔ Nyankopɔn (Allah) no a, nka wiase bɛsɛe; ɛfiri sɛ ɛntwa yie sɛ anyame mmienu bɛhwɛ wiase so wɔ berɛ koro mu, Allah Okokuroko no kaa sɛ:{لَوْ كَانَ فِيهِمَا آلِهَةٌ إِلَّا اللَّهُ لَفَسَدَتَا} { Sɛ nka anyame binom wɔ hɔ [asoro ne asaase] mu a ɛnyɛ Allah a nka ɛbɛsɛe}.[ Suura Al- Anbiya'a : 22].

Ɔbɔadeɛ Onyankopɔn no su ahodoɔ.

Awurade, animuonyam nka No wɔ edin ahodoɔ a ɛyɛ fɛ a wontumi nkan, na Ɔwɔ su akɛseɛ pii a ɛkrɔn a ɛkyerɛ sɛneɛ Ɔwie pɛyɔ, na Ne din no mu bi ne: Al Khaliq (Ɔbɔadeɛ), Allah (Onyankopɔn) na aseɛ ne sɛ: Onyankopɔn a Ɔno nkoara na Ɔfata ɔsom a obiara nka ne ho. Al Hayyu (Ɔteasefo a Ɔwɔ nkwa daa), Al Qayyum (Ɔhwɛsofo a Ɔhwɛ biribiara so), Ar Rahim (Ommɔbrɔhufo), Ar Razaq (Adom Kyekyɛfo), Al Karim (Ɔyamyɛfo).

Allah Okokuroko no aka no wɔ ''Qur'ani Kronkron'' no mu sɛ:﴿اللَّهُ لا إِلَهَ إِلَّا هُوَ الْحَيُّ الْقَيُّومُ لا تَأْخُذُهُ سِنَةٌ وَلا نَوْمٌ لَهُ مَا فِي السَّمَوَاتِ وَمَا فِي الأَرْضِ مَنْ ذَا الَّذِي يَشْفَعُ عِنْدَهُ إِلَّا بِإِذْنِهِ يَعْلَمُ مَا بَيْنَ أَيْدِيهِمْ وَمَا خَلْفَهُمْ وَلا يُحِيطُونَ بِشَيْءٍ مِنْ عِلْمِهِ إِلَّا بِمَا شَاءَ وَسِعَ كُرْسِيُّهُ السَّمَوَاتِ وَالأَرْضَ وَلا يَئُودُهُ حِفْظُهُمَا وَهُوَ الْعَلِيُّ الْعَظِيمُ﴾ {Allah; onyame foforɔ biara nni hɔ agye Ɔno, Ɔno ne Ɔteasefo na Ɔwɔ nkwa daa, Ɔno na hwɛ biribiara so, Ɔnntɔ nko na Ɔnna, nneɛma a ɛwɔ asoro ne asaase so nyina ara wɔ No, hwan na bɛtumi adi ama obi wɔ N'anim agye Ɔno ara pɛ mu? Ɔnim neɛ ɛwɔ wɔn anim ne neɛ ɛwɔ wɔn akyi, na wontumi nhunu biribiara wɔ Ne nimdeɛ mu agye neɛ Ɔno ara pɛ, N'ahennwa mu trɛ wɔ asoro ne asaase so nyina ara, na wɔn mmienu no so hwɛ ɛmma no mmerɛ, na Ɔno na (dibea) wɔ soro paa na Ɔno na yɛ Ɔkɛseɛ pa ara}.[Suratul Bakara: 255].

Na Allah Okokuroko no kaa sɛ:﴿قُلْ هُوَ اللَّهُ أَحَدٌ (١) Ka sɛ; Ɔno Allah no Ɔyɛ baako pɛ (1).اللَّهُ الصَّمَدُ (٢) Allah ho so Ne ho so afebɔɔ (2).لَمْ يَلِدْ وَلَمْ يُولَدْ (٣) Ɔno a Ɔnwo ba ɛna yɛanwo no nso (3).وَلَمْ يَكُنْ لَهُ كُفُوًا أَحَدٌ﴾ Ɛna tipɛn baako mpo nni hɔ a ɛwɔ hɔ ma no (4).[Suratul al-Ikhlaas 1-4].

Awurade a yɛsom No no wɔ su a ɛwie pɛyɔ.

Wɔ Ne su no mu bi ne sɛ Ɔno ne Onyankopɔn a yɛsom No, na neɛ ɛnyɛ Ɔno biara no; na ɔyɛ abɔdeɛ a Wahyɛ no na Ɔdi no so.

Ne su no mu bi ne sɛ Ɔno ne Ɔteasefoɔ Daa, Ɔhwɛfoɔ.Ɔteasefoɔ biara a ɔwɔ hɔ no, Onyankopɔn ne deɛ Ɔmaa no nkwa na Ɔbɔɔ no firii deɛ ɛnni hɔ, na Ɔno ne deɛ Ɔhwɛ so yɛ n'asetena yie, ne n'akɔnhoma, ne nea ɛso no. Na Awurade te ase na Ɔnwu, na ɔsɛeɛ ntumi mma ne so, Ɔte hɔ daa na Ɔnna, ampa ara, Ɔntɔ nko na Wada.

Ne su no mu bi ne sɛ Ɔno ne Nea Ɔnim Ade Nyinaa, a biribiara nhinta No wɔ asase so anaa ɔsoro.

Ne su no mu bi ne sɛ Ɔno ne Nea Ɔte biribiara na Ɔhu ade nyinaa, Deɛ Ɔte biribiara na Ɔhu abɔdeɛ biara. Ɔnim nea akra ka wɔ wɔn mu ne nea akoma de sie, na biribiara nhinta No, Anuonyam nka No, wɔ asaase so ne ɔsoro.

Ne su no mu bi ne sɛ Ɔno ne Ade Nyinaa so Tumfoɔ, a biribiara yɛ nyɛ na ma No,obiara ntumi nsi N'apɛdeɛ ano, Ɔyɛ deɛ Ɔpɛ na Ɔsi deɛ Ɔpɛ no kwan, Ɔma biribi nkɔsoɔ na Ɔtwentwɛn biribi nso ase, na Ɔwɔ nyansa kɛseɛ.

Ne su no mu bi ne sɛ Ɔno ne Ɔbɔadeɛ, Akɔnhombɔfoɔ, Ɔhwɛfoɔ, Nea Ɔbɔɔ abɔdeɛ na ɔhwɛɛ so, na abɔdeɛ wɔ Ne nsam na ɛhyɛ Ne nhyɛsoɔ ase.

Ne su no mu bi ne sɛ Ɔno ne Nea Ɔtie ahiafo frɛ, Ɔma ahotɔ ma wɔn a wɔwɔ haw, na Ɔyi ateetee firi hɔ.Abɔdeɛ biara, sɛ ɔhwe ase kɔ ahohiahia anaa ateetee mu a, ɔde ne ho to Ne so wɔ hia mu.

Ɔsom yɛ Onyankopɔn Ade Nyinaa so Tumfoɔ nko ara dea, ɛfiri sɛ Ɔno nko ara na Ɔwie pɛyɛ na Ɔfata wɔ berɛ a obiara nka ne ho, na biribiara a wɔsom a ɛnyɛ Ɔno no, ɛyɛ atorɔ som na ɛnni mu na ɛyɛ mmerɛ sɛ owuo ne ɔsɛeɛ ba wɔn so.

Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn de adwene a ɛhunu Ne kɛseyɔ ho biribi ahyira yɛn, na Ɔde awosuo su a ɛdɔ papayɛ, tan bɔne, na yɛte nka sɛ yɛnya akomatɔeɛmu berɛ a yɛdan kɔ Onyankopɔn, Wiase Awurade nkyɛn. Saa awosuo yi kyerɛ Ne pɛyɛ a Ɔwie na wontumi nnya sintɔ biara wɔ Ne ho, Anuonyam nka No.

Ɛmfata sɛ obi a ɔwɔ adwene bɛsom obiara gye nea ɔwie pɛyɛ, enti ɛbɛyɛ dɛn na watumi asom abɔdeɛ a ɔnwie pɛyɛ te sɛ ɔno ara anaa ɔba fam sen no!

Nyame no ntumi nyɛ onipa, ohoni, dua, anaa aboa!

Awurade wɔ Ne soro so, Ɔde Ne ho asi N'ahenwa so, na Wate Ne ho afiri N'abɔdeɛ ho.N'abɔdeɛ biara nni N'ankasa mu, na saa ara nso na Ne ho biribiara nni N'abɔdeɛ mu.Ɔntena anaasɛ Ɔnyɛ honamdua wɔ N'abɔdeɛ biara mu.

Awurade no biribiara nni hɔ a ɛtesɛ Ɔno na Ɔne Ɔtiefoɔ na Ɔhunu biribiara, na Obiara ntesɛ Ɔno,na Ɔne Ɔdefoɔ wɔ N'abɔdeɛ so, Ɔnna na Ɔnni aduane nso, na Ɔyɛ Kokuroko a Ɔntumi nnya ɔyere anaa ɔba; na Ɔbɔadeɛ no wɔ Kɛseyɔ su na wontumi mfa ahiadeɛ anaa sintɔ biara nsusu No dabiara da.

Na Allah Okokuroko no kaa sɛ:﴿يَا أَيُّهَا النَّاسُ ضُرِبَ مَثَلٌ فَاسْتَمِعُوا لَهُ إِنَّ الَّذِينَ تَدْعُونَ مِنْ دُونِ اللَّهِ لَنْ يَخْلُقُوا ذُبَابًا وَلَوِ اجْتَمَعُوا لَهُ وَإِنْ يَسْلُبْهُمُ الذُّبَابُ شَيْئًا لَا يَسْتَنْقِذُوهُ مِنْهُ ضَعُفَ الطَّالِبُ وَالْمَطْلُوبُ (٧٣) (Adasamma, yɛreyɛ mfatoho bi nti montie:"nokorɛ sɛ wɔn a mofiri Nyankopɔn akyi su frɛ wɔn no ntumi mmɔ nwansena mpo, sɛ wɔn nyinaa boa wɔn ho ano mpo a.Na sɛ nwansena hwim biribi firi wɔn hɔ a, wɔntumi nnye mfiri ne hɔ, nea ɔrehwehwɛ ne nea yɛrehwehwɛ afiri ne hɔ no nyinaa yɛ mmrɛ)(73)مَا قَدَرُوا اللَّهَ حَقَّ قَدْرِهِ إِنَّ اللَّهَ لَقَوِيٌّ عَزِيزٌ﴾ Wɔmfa obuo mma Nyankopɔn sɛdeɛ ɛfata sɛ wɔde obuo ma No no. Nokorɛ sɛ, Nyankopɔn ne Ɔhoɔdenfoɔ, Ɔne Otumfoɔ.[Suratul Hajj:73-74].

Ɛdeɛn nti na Ɔbɔadeɛ Kokuroko no bɔɔ yɛn? Ɛdeɛn na Ɔpɛ firi yɛn hɔ?

So ɛbɛtumi aba sɛ Onyankopɔn bɔɔ saa abɔdeɛ yi nyinaa a Ɔnni tirimpɔ biara, So Ɔbɔɔ wɔn kwa berɛ a Ɔne nyansafoɔ na Ɔnim Ade Nyinaa no?

So ɛbɛtumi aba sɛ Nea Ɔde pɛpɛɛpɛyɛ ne ahokokwa a ɛte saa bɔɔ yɛn no na Ɔde biribiara a ɛwɔ ɔsoro ne asaase hyɛɛ yɛn ase no bɛbɔ yɛn a yɛnni botaeɛ biara anaasɛ Ɔbɛgyae yɛn a yɛnni mmuaeɛ biara dema nsɛmmisa a ɛhia na ɛhyɛ yɛn so te sɛ; Deɛn nti na yɛwɔ ha? Na deɛn na ɛwɔ owuo akyi? Na botaeɛ bɛn na ɛwɔ yɛn mmɔeɛ mu?

Nti ɛbɛtɔ asomu sɛ asotwe biara nni hɔ dema bɔneyɛfoɔ no na akatua biara nni hɔ dema nea ɔyɛ papa?

Na Allah Ahoteɛnii no kaa sɛ:﴿أَفَحَسِبْتُمْ أَنَّمَا خَلَقْنَاكُمْ عَبَثًا وَأَنَّكُمْ إِلَيْنَا لَا تُرْجَعُونَ﴾ (Enti modwene sɛ Yɛbɔɔ mo kwa na momma Yɛn kyɛn bio anaa?)[Suratul Muminuun: 115].

Mmom, Nyankopɔn somaa asomafoɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛbɛhunu yɛn asetena botaeɛ, na wakyerɛ yɛn sɛdeɛ yɛbɛsom No na yɛabɛn No, na deɛn na Ɔpɛ firi yɛn hɔ! Na yɛbɛyɛ dɛn atumi anya N'abotɔyam, na yɛaka yɛn nkrabea ho asɛm akyerɛ yɛn wɔ owuo akyi?

Na Nyankopɔn somaa asomafoɔ sɛ wɔmmɛka nkyerɛ yɛn sɛ Ɔno nko ara na Ɔfata ɔsom, na yɛbɛhunu sɛdeɛ yɛbɛsom No, na wɔabɔ yɛn amanneɛ wɔ N'ahyɛdeɛ ne N'akyiwadeɛ ho, na wɔakyerɛkyerɛ yɛn suban pa a sɛ yɛbata ho a, yɛn asetena bɛyɛ yie na papa ne nhyira ahyɛ mu mma.

Nyankopɔn somaa asomafoɔ bebree te sɛ: (Noah, Abraham,Mose, ne Yesu) Na Ɔde nsɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ taa wɔn akyi a ɛkyerɛ wɔn nokwaredie sɛ Ɔno na Ɔsomaa wɔn,Anuonyam nka No, na wɔn mu deɛ ɔtwa toɔ ne Muhammad, Nyame nhyira ne asodwoeɛ nka no.

Na asomafoɔ no ka kyerɛ yɛn pefee sɛ saa asetena yi yɛ nsɔhwɛ na nokware asetena no bɛba owuo akyi.

Na ɔsoro ahemman turo wɔ hɔ ma agyidifoɔ a wɔsom Nyankopɔn nko ara a Ɔnni hokafoɔ biara no na wɔgyee asomafoɔ no nyinaa diiɛ, na ogya bi nso wɔ hɔ a Nyankopɔn asiesie ama wɔn a wɔannye annie a wɔsom anyame foforɔ kaa Nyankopɔn ho no anaasɛ wɔannye Nyankopɔn asomafoɔ no mu biara anni no.

Na Allah Okokuroko no kaa sɛ:﴿يَا بَنِي آدَمَ إِمَّا يَأْتِيَنَّكُمْ رُسُلٌ مِنْكُمْ يَقُصُّونَ عَلَيْكُمْ آيَاتِي فَمَنِ اتَّقَى وَأَصْلَحَ فَلَا خَوْفٌ عَلَيْهِمْ وَلَا هُمْ يَحْزَنُونَ (٣٥) (Adam mma,sɛ asomafoɔ firi mo mu ba mo nkyɛn bɛkenkan Me nsɛm kyerɛ mo a, deɛ ɔbɛsuro Nyankopɔn na ɔbɛyɛ ntotoeɛ pa no, suro biara mma wɔn so, na wɔrenni awerɛhoɔ biara nso.)(35)وَالَّذِينَ كَذَّبُوا بِآيَاتِنَا وَاسْتَكْبَرُوا عَنْهَا أُولَئِكَ أَصْحَابُ النَّارِ هُمْ فِيهَا خَالِدُونَ﴾ (Na wɔn a wɔbu Yɛn nsɛm no atorɔsɛm, na wɔyɛ ho ahomasoɔ no, wɔne egya no mu nneduafoɔ na wɔbɛtena mu afe bɔɔ).[Suratul A'araf 35-36].

Na Allah Okokuroko no kaa sɛ:﴿يَا أَيُّهَا النَّاسُ اعْبُدُوا رَبَّكُمُ الَّذِي خَلَقَكُمْ وَالَّذِينَ مِنْ قَبْلِكُمْ لَعَلَّكُمْ تَتَّقُونَ (٢١) {Oh adasamma, monsom mo Awurade no a ɔbɔɔ mo ne wɔn a wɔdii mo anim kan sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛnya Nyamesuro}(21)الَّذِي جَعَلَ لَكُمُ الْأَرْضَ فِرَاشًا وَالسَّمَاءَ بِنَاءً وَأَنْزَلَ مِنَ السَّمَاءِ مَاءً فَأَخْرَجَ بِهِ مِنَ الثَّمَرَاتِ رِزْقًا لَكُمْ فَلَا تَجْعَلُوا لِلَّهِ أَنْدَادًا وَأَنْتُمْ تَعْلَمُونَ (٢٢) {Ɔno a Wayɛ asaase de asɛ hɔ tɛtrɛtɛɛ ama mo, na Wayɛ ɔsoro nkurusoɔ, na Ɔsiane nsuo firi soro de ma mo,san de ma nnɔbaeɛ a ɛyɛ akɔnhoma ma mo no fifire.Enti monhwɛ na moamfa biribi ammata Nyankopɔn ho wɔ berɛ a monim}(22)وَإِنْ كُنْتُمْ فِي رَيْبٍ مِمَّا نَزَّلْنَا عَلَى عَبْدِنَا فَأْتُوا بِسُورَةٍ مِنْ مِثْلِهِ وَادْعُوا شُهَدَاءَكُمْ مِنْ دُونِ اللَّهِ إِنْ كُنْتُمْ صَادِقِينَ (٢٣) {Sɛ moadwen nsi mo pi wɔ adeɛ a Yɛasiane ama Yɛn akoa no ho nso a, ɛnneɛ momfa suura bi a ɛte saa mmra, na momfiri Nyankopɔn akyi mfrɛ mo adansefoɔ,sɛ moyɛ nokwafoɔ ampa a}.(23)فَإِنْ لَمْ تَفْعَلُوا وَلَنْ تَفْعَلُوا فَاتَّقُوا النَّارَ الَّتِي وَقُودُهَا النَّاسُ وَالْحِجَارَةُ أُعِدَّتْ لِلْكَافِرِينَ (٢٤) {Na sɛ moanyɛ a, na montumi nyɛ mpo! Ɛnneɛ na monsuro Ogya no a nnipa ne aboɔ ne ne nyentia no a, Yɛasiesie ato boniayɛfoɔ no hɔ no}. (24)وَبَشِّرِ الَّذِينَ آمَنُوا وَعَمِلُوا الصَّالِحَاتِ أَنَّ لَهُمْ جَنَّاتٍ تَجْرِي مِنْ تَحْتِهَا الْأَنْهَارُ كُلَّمَا رُزِقُوا مِنْهَا مِنْ ثَمَرَةٍ رِزْقًا قَالُوا هَذَا الَّذِي رُزِقْنَا مِنْ قَبْلُ وَأُتُوا بِهِ مُتَشَابِهًا وَلَهُمْ فِيهَا أَزْوَاجٌ مُطَهَّرَةٌ وَهُمْ فِيهَا خَالِدُونَ﴾ {Na fa anigyesɛm no ho bɔhyɛ ma wɔn a wɔagye adie na wɔdi dwumadi pa no sɛ,nokorɛ,wɔwɔ Ɔsoro Aheman a nsutene nam n'ase. Ɛberɛ biara a yɛde emu aduaba no bi bɛbɔ wɔn akɔnhoma no,deɛ wɔbɛka ne sɛ: "Yɛde yei bi abɔ yɛn akɔnhoma pɛn". Yɛama wɔn ne sɛso. Wɔwɔ ayerenom ahoteɛfoɔ wɔ mu; na emu na wɔbɛtena daa.[Suratul Bakara: 21-25].

Deɛn nti na Asomafoɔ dodoɔ yɛ pii?

Nyankopɔn asoma N'asomafoɔ akɔ amanaman no mu, na ɔman biara nni hɔ a Onyankopɔn ansoma ɔsomani ankɔ ne nkyɛn, sɛ ɔmfrɛ wɔn mma wɔnsom wɔn Awurade, na ɔmmɔ wɔn amanneɛ fa N'ahyɛdeɛ ne deɛ Wabra ho, na na wɔn botaeɛ nyinaa ne sɛ: wɔbɛsom Nyankopɔn nko ara, Otumfoɔ no, na berɛ biara a ɔman bi bɛfiri ase agyae anaa asesa deɛ ne somafoɔ de baeɛ no, firi ahyɛdeɛ sɛ wɔbɛyɛ Nyankopɔn baako no,Nyankopɔn soma somani foforɔ sɛ ɔmmɛ tene nnipa na ɔnsane mfa wɔn mmra adwene korɔ sɛ wɔbɛyɛ Nyankopɔn baako na wɔbɛyɛ sotie ama No.

Kɔpem sɛ Nyankopɔn de Muhammad sɔɔ asomafoɔ no ano, nhyira ne asomdwoe nka no, ɔno na ɔde nyamesom a ɛdi mu ne daa mmara a ɛwɔ hɔ nyinaa brɛɛ nnipa nyinaa kɔpem Wusɔreɛ Da no, sɛ ɛmmɛ hyɛ ne mma na ɛmpepa mmara no bi a ɛdii n'anim kan no, na Awurade Tumfoɔ hyɛɛ saa som yi yiedie ne ne daa ntoasoɔ ho bɔ kɔpem Wusɔreɛ Da no.

Obi ntumi nyɛ gyidieni gye sɛ ɔgye asomafoɔ no nyinaa di.

Onyankopɔn ne Nea Ɔsomaa asomafoɔ no na Ɔhyɛɛ N'abɔdeɛ nyinaa sɛ wɔnyɛ setie mma wɔn,Na deɛ ɔbɛyi nyikyerɛ no mu baako boniayɛ no ɛnneɛ wayi nyikyerɛ no nyinaa boniayɛ, na bɔne biara nni hɔ a ɛso sene sɛ obi bɛpo Nyankopɔn nyikyerɛ no, sɛ obi bɛwura ɔsoro ahemman turo no mu no, ɛwɔ sɛ ɔgye asomafoɔ no nyinaa di.

Deɛ ɛyɛ nhyɛ ma obiara wɔ saa berɛ yi mu sɛ ɔgye Onyankopɔn ne Onyankopɔn asomafoɔ no nyinaa di, na ɔgye Awieeɛ Da no di, na ɛntumi nyɛ saa agye sɛ ɔgye di na ɔdi wɔn mu deɛ ɔtwa wɔn to na ɔsi wɔn ano no di Muhammad- Nyame nhyira ne asomdwoe nka no, a Ɔde daa anwanwade boaa no no, ɛno ne Koran kronkron no,Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ Ɔbɛbɔ ho ban kɔsi sɛ ɛbɛ di ade wɔ wiase no so ne nea ɛwɔ mu.

Nyankopɔn kaa ho asɛm wɔ Koran kronkron no mu sɛ obibiara a ɔbɛpo gyedie wɔ N'asomafoɔ no mu biara no yɛ obi a ɔnnye Nyankopɔn nni na ɔnnye Ne nyikyerɛ no nso nni, Nyankopɔn Kokuroko no aka sɛ:﴿إِنَّ الَّذِينَ يَكْفُرُونَ بِاللَّهِ وَرُسُلِهِ وَيُرِيدُونَ أَنْ يُفَرِّقُوا بَيْنَ اللَّهِ وَرُسُلِهِ وَيَقُولُونَ نُؤْمِنُ بِبَعْضٍ وَنَكْفُرُ بِبَعْضٍ وَيُرِيدُونَ أَنْ يَتَّخِذُوا بَيْنَ ذَلِكَ سَبِيلًا (١٥٠) "Nokorɛ Ɛsipi sɛ, wɔn a wɔnnye Nyankopɔn ne N'asomafoɔ no nni, na wɔpɛ sɛ wɔpaapae Nyankopɔn ne N'asomafoɔ no ntam,na wɔka sɛ:"yɛgye ebinom di, na yɛnnye ebinom nso nni",na wɔhwehwɛ kwan wɔ (gyedie ne boniayɛ) ntam no",أُولَئِكَ هُمُ الْكَافِرُونَ حَقًّا وَأَعْتَدْنَا لِلْكَافِرِينَ عَذَابًا مُهِينًا﴾ "Weinom ne boniayɛfoɔ paa no, na yɛasiesie animguaseɛ asotwee ato boniayɛfoɔ no hɔ".[Suratu Nisa: 150-151].

Enti, yɛn Muslimfoɔ gye Nyankopɔn ne Awieeɛ Da no di - sɛdeɛ Onyankopɔn ahyɛ no - na yɛgye asomafoɔ ne nnwoma a atwam no nyinaa di, Nyankopɔn Kokuroko no aka sɛ:﴿آمَنَ الرَّسُولُ بِمَا أُنْزِلَ إِلَيْهِ مِنْ رَبِّهِ وَالْمُؤْمِنُونَ كُلٌّ آمَنَ بِاللَّهِ وَمَلَائِكَتِهِ وَكُتُبِهِ وَرُسُلِهِ لَا نُفَرِّقُ بَيْنَ أَحَدٍ مِنْ رُسُلِهِ وَقَالُوا سَمِعْنَا وَأَطَعْنَا غُفْرَانَكَ رَبَّنَا وَإِلَيْكَ الْمَصِيرُ﴾ "Ɔsomafoɔ no gye deɛ yɛasiane firi n'aWurade hɔ no di, na agyidifoɔ no mu biara gye Onyankopɔn ne N'abɔfoɔ ne Ne nnwoma ne N'asomafoɔ no di, "Yɛnyɛ nyiyimu biara wɔ N'asomafoɔ no mu, Na deɛ wɔka ne sɛ" yɛate na yɛbɛyɛ sotie, yɛn Wura Nyankopɔn yɛsrɛ wo nkyɛn bɔnefakyɛ, na wo nkyɛn na yɛbɛsan aba".(Suuratul Baqara :285).

Deɛn ne Kur'aan kuronkuro a ɛyɛ animuonyam Nwoma no?

Kuran kronkron no yɛ Nyankopɔn Kokuroko no nsɛm ne ne nyikyerɛ a Ɔsiane de maa asomafoɔ no mu deɛ ɔtwa toɔ Muhammad- ,na ɛno ne anwanwade a ɛkyerɛ ne nkɔmhyɛ no ho nokorɛ die,Nyame nhyira ne asomdwoe nka no, na Kuran Kronkron no ne nokorɛ wɔ n'atemmuo (pae mu ka)mu ne nokorɛ wɔ ne nsɛm mu.Na Nyankopɔn to maa wɔn a wɔpo no sɛ wɔmfa ɛmpo Suura baako pɛ sɛso te sɛ ɛno mmra, nanso wɔantumi anyɛ saa, Esiane sɛ emu nsɛm no di mmu na emu nsɛm no mu nteaseɛ ma biribiara a fa onipa asetena ho wɔ wiase ne Awieeɛ Da no,ɛka nokorɛ gyidie ahodoɔ a ɛsɛ sɛ wogye di nyinaa.Ɛsan nso ka ahyɛdeɛ ne deɛ wɔabira a ɛsɛ sɛ onipa di akyire wɔ ɔne n'Awurade ntam, anaasɛ ɔne n'ankasa ntam, anaasɛ ɔne abɔdeɛ a aka no ntam, na yeinom nyinaa wɔ kasakoa ne ntease a ɛkorɔn mu.Na adanse pii a ntease wom ne adwene mu nokwasɛm ahoroɔ a ɛkyerɛ sɛ anka ɛnyɛ nnipa na ɛrentumi nyɛ nwoma yi, na mmom ɛyɛ adasamma Awurade Tumfoɔ,Anuonyam nka No asɛm.

Ɛdeɛn ne Nkramosom (Islama)?.

Islam yɛ ahobrɛaseɛ ma Onyankopɔn kokuroko wɔ Kro yɔ mu, ahobrɛaseɛ ma No wɔ asotie so, ne Ne mmarasɛm no ho asuasua (wo bɛ di so pɛpɛɛpɛ) wɔpene so na wogye tom, ɛna bɔneaɛ afa biribiara a wɔsom a ɛnyɛ Nyankopɔn Allah (ma mo nya gyidie wɔ mu).

Nokware Onyankopɔn de nkra baako na somaa Asomafoɔ nyinaa ɛno ne: Ɔfrɛ sɛ wɔnsom Onyankopɔn nko ara, Ɔnni hokanee biara wɔ N'ahenie mu, ɛna bɔneaɛ afa biribiara a wɔsom a ɛnyɛ Nyankopɔn Allah, (ma mo nya gyidie wɔ mu).

Islam yɛ Akɔmhyɛfoɔ nyinaa som. Wɔn frɛ no yɛ pɛ na ɛsono wɔn mmara. Nkramofo a wɔwɔ hɔ nnɛ no nko ara na wodi ɔsom a ɛteɛ ɛyɛ nokware a Akɔmkyɛfo no nyinaa de bae no so. Na Islam nkrasɛm a ɛwɔ saa berɛ yi mu no ne nokware, na ɛyɛ nkrasɛm a ɛtwa toɔ a ɛfiri Ɔbɔadeɛ no hɔ kɔma adesamma.Awurade a ɔsomaa Abraham, Mose, ne Yesu, asomdwoeɛ nka wɔn, ne deɛ ɔsomaa Ɔkɔmhyɛni a ɔtwa toɔ, Muhammad, asomdwoeɛ ne nhyira nka no, na nokware Islam mmara no baeɛ, na ɛtwaa mmara a ɛdii n'anim no mu.

Nyamesom ahorow a nnipa som nnɛ nyinaa - gye Islam - yɛ nyamesom a nnipa ayɛ, anaa nyamesom a na ɛyɛ ɔsoro de na afei nnipa nsa sesaa no na ɛbɛyɛɛ gyidihunu mu nneɛma a asɛe, anansesɛm a wonya firi adikanfo hɔ, ne nnipa mmɔdenbɔ a wɔadi afra.

Ɛdefa Muslimfoɔ som ho no, ɛyɛ ɔsom baako a ɛda adi pefee a ɛnsesa, sɛdeɛ wɔn som nneyɛeɛ a wɔde som Onyankopɔn yɛ baako no, wɔn nyinaa bɔ mpaeɛ anum da biara da, tua zakat wɔ wɔn ahonyadeɛ ho, na wɔyɛ akɔmkyene wɔ Ramadan bosome mu, Susuw wɔn amansan mmara a ɛyɛ Kur'aan Kronkron no ho, efisɛ ɛyɛ nhoma biako wɔ aman nyinaa mu. Na Allah Okokuroko no kaa sɛ:﴿ٱلۡيَوۡمَ أَكۡمَلۡتُ لَكُمۡ دِينَكُمۡ وَأَتۡمَمۡتُ عَلَيۡكُمۡ نِعۡمَتِي وَرَضِيتُ لَكُمُ ٱلۡإِسۡلَٰمَ دِينٗاۚ فَمَنِ ٱضۡطُرَّ فِي مَخۡمَصَةٍ غَيۡرَ مُتَجَانِفٖ لِّإِثۡمٖ فَإِنَّ ٱللَّهَ غَفُورٞ رَّحِيمٞ﴾ Ɛda yi mahyɛ mo som ma pɛpɛɛpɛ ama mo na mawie M'adom wɔ mo so na mapene Islam so ama mo sɛ mo som, Na Obibiara a ɛkɔm bɛhyɛ no ama wawe Aboafunu no, na N'akoma mpɛ saa bɔne no Ɔwɔ ho kwan sɛ Ɔwe, na ɛsipi sɛ Onyankopɔn yɛ Bɔnefakyefoɔ, Mmɔborɔhunufoɔ.[Suratul Maida: 3].

Na Allah Okokuroko no kaa no wɔ Kur'aan mu sɛ:﴿قُلْ آمَنَّا بِاللَّهِ وَمَا أُنْزِلَ عَلَيْنَا وَمَا أُنْزِلَ عَلَى إِبْرَاهِيمَ وَإِسْمَاعِيلَ وَإِسْحَاقَ وَيَعْقُوبَ وَالْأَسْبَاطِ وَمَا أُوتِيَ مُوسَى وَعِيسَى وَالنَّبِيُّونَ مِنْ رَبِّهِمْ لَا نُفَرِّقُ بَيْنَ أَحَدٍ مِنْهُمْ وَنَحْنُ لَهُ مُسْلِمُونَ (٨٤) "Ka sɛ, 'Yɛgye Onyankopɔn ne deɛ wasane aba yɛn so, ne deɛ Ɔsane demaa Abraham ne Ismael ne Isak ne Yakob ne mmusuakuo no, ne deɛ wɔde maa Moses ne Yesu ne Akɔmhyɛfo firi wɔn Awurade nkyɛn no di, yemfa nsonsonoeɛ biara mma wan mu biara mu, na Ɔno na yɛbrɛ yɛ ho ase ma No.(84).وَمَنْ يَبْتَغِ غَيْرَ الْإِسْلَامِ دِينًا فَلَنْ يُقْبَلَ مِنْهُ وَهُوَ فِي الْآخِرَةِ مِنَ الْخَاسِرِينَ﴾ Na obiara a ɔpɛ Ɛsom bi a ɛnyɛ Islamsom no, wɔrennye ntom mfiri ne hɔ, na Daankwamma mu no ɔbɛka nkuguofo ho wɔn a wɔn ahwere ade no ho.Suratu Aal Imraan: [84-85].

Islam som yɛ asetena mu kwan a ɛkɔ akyiri, ɛne nteaseɛ ne nteaseɛ hyia, na akra a ɛteɛ gye tom, Ɔbɔadeɛ Kɛseɛ no na ɔhyehyɛɛ no maa N'abɔdeɛ, na ɛyɛ papayɛ ne anigyeɛ som ma nnipa nyinaa wɔ wiase yi mu ne Atemuada, ɛnnyi abusuakuo baako firi foforɔ ho, na saa ara nso na ɛnnyi ahosuo bi nfiri foforɔ ho, na nnipa a wɔwɔ mu no yɛ pɛ, Obiara nni Islam mu a wɔda no nsow sene afoforɔ gye ne nnwumadi pa nko.

Na Allah Okokuroko no kaa sɛ:(مَنۡ عَمِلَ صَٰلِحٗا مِّن ذَكَرٍ أَوۡ أُنثَىٰ وَهُوَ مُؤۡمِنٞ فَلَنُحۡيِيَنَّهُۥ حَيَوٰةٗ طَيِّبَةٗۖ وَلَنَجۡزِيَنَّهُمۡ أَجۡرَهُم بِأَحۡسَنِ مَا كَانُواْ يَعۡمَلُونَ) {Obibiara a ɔbɛdi dwuma pa, sɛ ɔyɛ ɔbarima anaa sɛ ɔbaa, na ɔyɛ ogyedini no; esipi sɛ Yɛbɛma no asetena pa na Yɛde wɔn akatua bɛma wɔn ɛnam wɔn nnwuma pa a na wɔnom redie nti}.[Suratul An-Nahl:97].

Islam ne anigyeɛ kwan no

Islam ne akɔmhyɛfoɔ no som, na ɛno ne Nyankopɔn som ma nnipa nyinaa, na ɛnyɛ ɔsom de ma Arabfoɔ nko ara.

Islam ne nokware anigyeɛ kwan wɔ wiase ne daa adom wɔ owuo akyi asetena mu.

Islam nko ara ne som a ɛdi ɔkra ne nipadua no ahiadeɛ ho dwuma, na ɛdi nnipa haw nyinaa ho dwuma, Otumfoɔ Nyankopɔn kaa sɛ:﴿قَالَ اهْبِطَا مِنْهَا جَمِيعًا بَعْضُكُمْ لِبَعْضٍ عَدُوٌّ فَإِمَّا يَأْتِيَنَّكُمْ مِنِّي هُدًى فَمَنِ اتَّبَعَ هُدَايَ فَلا يَضِلُّ وَلا يَشْقَى (123) {Ɔkaa sɛ : mo mmienu nyinaa monsiane, moyɛ mo ho mo ho atamfo.Enti sɛ akwankyerɛ firi Me hɔ ba mo hɔ, na deɛ ɔbɛdi M'akwankyerɛ no akyire no,ɔnyera na ɔnyɛ mmɔbɔ nso.}(123)وَمَنْ أَعْرَضَ عَنْ ذِكْرِي فَإِنَّ لَهُ مَعِيشَةً ضَنْكًا وَنَحْشُرُهُ يَوْمَ الْقِيَامَةِ أَعْمَى﴾ {Na obi a ɔbɛtwe ne ho afiri Me nkaakaeɛ ho no,ɔbɛnya ahokyerɛ asetena, Wusɔreɛ da no,Yɛbɛnyane no onifirani}.[Suratu Tah123-124].

Deɛn mfasoɔ na mɛnya sɛ mewura Islamsom mu a?.

Mfasoɔ kɛseɛ wɔ mu sɛ wowura Islamsom mu a, ɛmu bi ne:

Ɛyɛ nkonim ne animuonyamhyɛ wɔ wiase sɛ onipa bɛyɛ akoa ama Allah, ɛnyɛ saa na ɔyɛ akoa de ma ahuhusɛm, akɔnnɔ bɔne ne ɔbonsam.

Ɛyɛ nkonim wɔ atemmuada no sɛ Allah de ne bɔne bɛkyɛ no, na afei wadom no agye no atom, na wɔde na wura ɔsoro aheman mu, na wanya nnyetom ne adom a ɛnsa da, na agye onipa afiri ogya dareɛ no mpɔnsee ho

Na atemmuada no, ogyedini bɛka akɔmhyɛfoɔ, nokwaredifoɔ, mogyadansefoɔ ne apapafoɔ kuo ho, hwɛ sɛneɛ ɛyɛ kuo pa, na neɛ wannye annie nso no bɛka atirimuɔdenfoɔ, adebɔneyɛfoɔ, atuturafoɔ ne nsɛmmɔnefoɔ kuo ho

Wɔn a Allah de wɔn bɛwura ɔsoro aheman mu no bɛtena adom mu afebɔɔ mu a owuo, yareɛ, yaw, mpaninyɛ anaa awerɛhoɔ biara nni hɔ, na Ɔbɛma wɔn nsa aka neɛ wɔn kɔn dɔ biara, na wɔn a wɔbɛwura ogya dareɛ no mu nso bɛwɔ mpɔnsee mu afebɔɔ a ɛtoɔ ntwa da.

Wɔ ɔsoro aheman mu no, anigyedeɛ binom wɔ hɔ a ani biara nhuu da, na aso biara ntee ɛho asɛm da, na onipa biara nsusuu ho asɛm da. Saa asɛm yi nnyinasosɛm no bi ne Okokuroko n'asɛm a Ɔkaaɛ:﴿مَنْ عَمِلَ صَالِحًا مِنْ ذَكَرٍ أَوْ أُنْثَى وَهُوَ مُؤْمِنٌ فَلَنُحْيِيَنَّهُ حَيَاةً طَيِّبَةً وَلَنَجْزِيَنَّهُمْ أَجْرَهُمْ بِأَحْسَنِ مَا كَانُوا يَعْمَلُونَ﴾ {Obibiara a ɔbɛdi dwuma pa, sɛ ɔyɛ ɔbarima anaa sɛ ɔbaa, na ɔyɛ ogyedini no; esipi sɛ Yɛbɛma no asetena pa na Yɛde wɔn akatua bɛma wɔn ɛnam wɔn nnwuma pa a na wɔnom redie nti}.[Suratul An-Nahl:97].Na Allah Okokuroko no kaa sɛ:﴿فَلَا تَعۡلَمُ نَفۡسٞ مَّآ أُخۡفِيَ لَهُم مِّن قُرَّةِ أَعۡيُنٖ جَزَآءَۢ بِمَا كَانُواْ يَعۡمَلُونَ﴾ {Na ɔkra biara nnim awerɛ kyekyesɛm a Yɛde asie wɔn sɛ wɔn akatua ɛnam neɛ na wɔreyɛ nti}.[Suratul As-Sajda:17].

Ɛdeɛn na mɛhwere sɛ mepo Islamsom a?

Onipa bɛhwere nimdeɛ ne suahunu kɛseɛ, na ɛno ne suahunu ne nimdeɛ a ɛfa Allah ho, na onipa bɛhwere Allah mu gyedie a ɛma onipa ahobanbɔ ne akomatɔeɛmu wɔ wiase mu ne adom a ɛnsa da wɔ atemmuada no mu.

Onipa bɛhwere Allah nwoma kɛseɛ a Wasiane ama nnipa no akenkan, ne gyedie wɔ saa nwoma kɛseɛ yi mu.

Ɔbɛhwere gyedie wɔ akɔmhyɛfoɔ akɛseɛ no mu sɛneɛ ɔbɛhwere wɔn ayɔnkofa wɔ ɔsoro aheman mu atemmuada no, na ayɔnkofoɔ ayɛ bonsam, nsɛmmɔnefoɔ ne atirimuɔdenfoɔ wɔ ogya dareɛ no mu, na ɛno ne fie ne ayɔnko bɔne pa ara.

Na Allah Okokuroko no kaa sɛ:﴿قُلْ إِنَّ الْخَاسِرِينَ الَّذِينَ خَسِرُوا أَنْفُسَهُمْ وَأَهْلِيهِمْ يَوْمَ الْقِيَامَةِ أَلا ذَلِكَ هُوَ الْخُسْرَانُ الْمُبِينُ (15) {Ka sɛ; esipi sɛ nkoguofoɔ ne wɔn a ahwere wɔn kra ne wɔn abusuafoɔ atemmuada no, ɛnti ɛnyɛ woi ne nkoguo a ɛda adi pefee?} 15.لَهُمْ مِنْ فَوْقِهِمْ ظُلَلٌ مِنَ النَّارِ وَمِنْ تَحْتِهِمْ ظُلَلٌ ذَلِكَ يُخَوِّفُ اللَّهُ بِهِ عِبَادَهُ يَا عِبَادِ فَاتَّقُونِ﴾ {Wɔnom wɔ nkurusoɔ ne ɛfam kuntu a wɔde ogya na ayɛ, woi ne adeɛ a Allah de rebɔ Ne nkrɔfoɔ kɔkɔ, O! Me nkrɔfoɔ monsuro Me}.Suura Az-Zumar: 15-16

Deɛ ɔpɛ nkonim atemmuada no, na ɛsɛ fata no sɛ ɔwura Islamsom mu, na ɔdi ɔkɔmhyɛni Muhammad (Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no) akyi.

Asɛm nokware baako a akɔmhyɛfoɔ ne asomafoɔ no (Allah asomdwoeɛ nka wɔn) nyina ara agye atom ne sɛ: obiara nni nkonim atemmuada agye muslimifoɔ a wɔgyee Allah Okokuroko no diiɛ na wɔnom ansom biribiara ammata No, na wɔnom gyee akɔmhyɛfoɔ ne asomafoɔ no nyinaa diiɛ, akɔmhyɛfoɔ akyidifoɔ nyinaa a wɔnyaa wɔnom (akɔmhyɛfoɔ) mu gyedie na wɔgyee neɛ wɔnom de baaɛ diiɛ no bɛwura ɔsoro aheman mu, na wɔnom bɛnya ntwitwagyeɛ afiri ogya dareɛ no ho.

Nti wɔnom a na wɔwɔ hɔ Musa (Moses) aberɛ so na wɔnom gyee no diiɛ na wɔdii no nkyerɛkyerɛ akyi no, saafoɔ nom yɛ muslimifoɔ, agyedifoɔ apapafoɔ, nanso wɔ berɛ a Allah somaa Iesa (Jesus) no, ɛyɛ nhyɛ ma Moses akyidifoɔ no sɛ wɔnom gye ''Jesus'' di na wɔnom di n'akyi.Na wɔn a wɔbɛgye ''Jesus'' adi no, na saafoɔ nom ne muslimifoɔ apapafoɔ no, na obi a ɔbɛpo sɛ ɔbɛgye ''Jesus'' adi na waka sɛ me deɛ mɛka Moses som so no, na oniakorɔ no ɔnyɛ ogyedini; ɛfiri sɛ wapo ɔkomhyɛni a Allah asoma noɔ.Afei! woi akyiri no na Allah somaa ɔsomafoɔ a ɔtwa toɔ Muhammad (Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no), ɛyɛ nhyɛ wɔ obiara so sɛ wɔgye no di, ɛfiri sɛ Awurade a Ɔsomaa Moses ne ''Jesus'' no, Ɔno ara na somaa ɔsomafoɔ a ɔtwa toɔ Muhammad, ɛnti obi a ɔbɛtwa Muhammad (Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no) nkrasɛm no so kontompo na waka sɛ me deɛ mɛkɔ so adi Moses anaa ''Jesus'' akyi no, na oniakorɔ no ɔnyɛ ogyedini.

Na ɛnwie pɛyɔ sɛ obi bɛka sɛ ɔbu muslimifoɔ, ɛna ɛnwie pɛyɔ sɛ ɔbɛnya nkwagyeɛ atemmuada no sɛ ɔreyɛ papa na ɔreboa ahiafoɔ nti, na mmom ɛsɛ fata sɛ ɔnya gyedie wɔ Allah mu, Ne nwoma mu, N'asomafoɔ mu, ne atemmuada no mu, ansa na Allah agye (ne nyamesom) afiri ne nkyɛn!. Na bɔne biara nni hɔ a ɛso sene abosomsom ne woreyi bonniayɛ wɔ Allah mu, na worepo adiyisɛm a Allah sianeeɛ anaa sɛ worepo Ne kɔmhyɛni a ɔtwa toɔ Muhammad (Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no) nkɔmhyɛ no.

Na Yudafoɔ (Jew), Akristofoɔ ne wɔn a wɔkeka ho a wɔate Muhammad Allah somafoɔ no (Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no) asɛmpamuterɛ no nanso wɔapo sɛ wɔbɛgye adi, na wɔapo sɛ ɔbɛwura Islamsom mu no, wɔbɛkɔ ogya dareɛ no mu na wɔbɛka mu afebɔɔ, na woi ne Allah atɛmmuo na mmom ɛnyɛ obibiara atɛmmuo, Allah Okokuroko no kaa sɛ:﴿إِنَّ الَّذِينَ كَفَرُوا مِنْ أَهْلِ الْكِتَابِ وَالْمُشْرِكِينَ فِي نَارِ جَهَنَّمَ خَالِدِينَ فِيهَا ۚ أُولَـٰئِكَ هُمْ شَرُّ الْبَرِيَّة﴾ Esipi sɛ wɔn a ayi bonniayɛ wɔ wɔn a Yɛmaa wɔn nwoma no mu ne abosomsomfoɔ no wɔ ogya dareɛ mu a wɔbɛka mu afebɔɔ, na wɔnom ne abɔdeɛ mu abɔdeɛ bɔne pa ara no.[Suratul Bayinah:6].

Esiane sɛ Allah asiane nkrasɛm a ɛtwa toɔ a ɛfiri ne nkyɛn ama adasamma no nti, ayɛ nhyɛ wɔ onipa biara a ɔte Islamsom ho asɛm na ɔte ɔkɔmhyɛni a ɔtwa toɔ no nkrasɛm no sɛ ɔgye die na ɔdi ne mmrasɛm so, na ɔyɛ sotie ma no wɔ n'ahyɛdeɛ ne n'ahobrasɛm so, ɛfiri sɛ obibiara a ɔbɛte saa nkrasɛm a ɛtwa toɔ yi na wapo no, Allah nnye biribiara a ɛfiri ne nkyɛn ntom, na Ɔbɛtwe n'aso atɛmmuada.

Na saa ngyinasoɔ no mu bi ne Allah kokuroko asɛm a Ɔkaa sɛ:﴿وَمَنْ يَبْتَغِ غَيْرَ الْإِسْلَامِ دِينًا فَلَنْ يُقْبَلَ مِنْهُ وَهُوَ فِي الْآخِرَةِ مِنَ الْخَاسِرِينَ﴾ Na Obibiara a ɔbɛ som ɔsom foforɔ a ɛnyɛ Islam som no, ɛnyɛ ade a yɛbɛgye Ne som no atumu da biara da, na atemmuada no Ɔbɛka nkuguofoɔ ho.[Suratul A`l-Imraan 85].

Na Allah Okokuroko no kaa sɛ:﴿قُلْ يَا أَهْلَ الْكِتَابِ تَعَالَوْا إِلَى كَلِمَةٍ سَوَاءٍ بَيْنَنَا وَبَيْنَكُمْ أَلَّا نَعْبُدَ إِلَّا اللَّهَ وَلَا نُشْرِكَ بِهِ شَيْئًا وَلَا يَتَّخِذَ بَعْضُنَا بَعْضًا أَرْبَابًا مِنْ دُونِ اللَّهِ فَإِنْ تَوَلَّوْا فَقُولُوا اشْهَدُوا بِأَنَّا مُسْلِمُونَ﴾ { Ka sɛ oh nwomafoɔ monbra wɔ kasa baako pɛ ɛnkyirɛkyirɛ a ɛwɔ yɛ ne montɛm sɛ yɛn nsom obiara nokware mo agye Onyame Allaah ɛna yɛnyɛ mmataho nka Allah ho koraa ɛna yɛnfa yɛmu yɛmu adesom bi ɛfiri Allah akyi, Nasɛ ɔmo ɛbrɛnkyi ɛdani ɔmo akye a, monkasɛ yɛ di adanseɛ sɛ nokorɛ yɛyɛ muslimifoɔ }.[Suratul A`l-Imraan: 65].

Ɛdeɛn na mehia ansa na mayɛ muslimini?

Ansa na wobɛwura Islamsom mu no, ɛsɛ sɛ wogye saa adum nsia yi di.

Wobɛnya gyedie wɔ Allah Okokuroko no mu, na Ɔno ne Ɔbɔadeɛ, Adom Kyekyɛfoɔ, Ɔhwɛsofoɔ, ade nyinaa Wura, biribiara ne No nsɛ, na Ɔnni yere anaa sɛ ɔba, na Ɔno nkoara na fata Nyamesom, na ɔnsom obiara nka No ho, na gyedi sɛ nyamesom biara a obi bɛsom a ɛnyɛ Allah nti no; oniakorɔ som no yɛ atorɔsom.

Wobɛgye asoro abɔfoɔ adi, na wagye adi sɛ wɔnom yɛ nkoa ma Allah, Ɔbɔɔ wɔn firii nhyerɛnee mu, ɛna Ɔyɛɛ wɔn adwuma no mu bi ne sɛ wɔde adiyisɛm siane brɛ N'akɔmhyɛfoɔ.

Sɛ wobɛgye nnwoma a Allah siane maa N'akɔmhyɛfoɔ nyinaa adi (te sɛ 'Taurat' ne 'Injiil') apam dada ne apam foforɔ no - ansa na wɔresesa ɛmu nsɛm - ɛne nwoma a ɛtwa toɔ; ɛyɛ 'Qur'ani' Kronkron no.

Wobɛgye asomafoɔ no nyinaa adi te sɛ Nuh (Noah), Ibrahim (Abraham), Musa (Moses), I'esa (Jesus) ne neɛ ɔtwa wɔnom to Muhammad - Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka wɔn - na gyedi sɛ wɔnom yɛ nnipa a Allah de adiyisɛm boaa wɔn na Ɔmaa wɔn nnyinasosɛm ne nsɛnkyerɛnee a ɛkyerɛ wɔn nokwaredie.

Wobɛgye awieɛ berɛ (atemmuada) no adi, berɛ a Allah bɛnyane adikanfoɔ ne bediakyirifoɔ na Allah abua N'abɔdeɛnom ntam atɛn, na Wɔde agyedifoɔ awura ɔsoro aheman mu na abonniayɛfoɔ nso awura ogya dareɛ no mu.

Sɛ wobɛgye hyɛberɛ adi, na wagye adi sɛ Allah nim biribiara a atwa mu ne deɛ ɛbɛsi daakye, na gyedi sɛ Ɔno Allah no; Ɔnim dada na Watwerɛ na Wapene so, na Ɔno na bɔɔ biribiara.

Mɛntwentwɛn wogyinasie so!.

Wiase nnyɛ efie ɛbɛka hɔ afebɔɔ.

Afɛɛfɛdeɛ a ɛwɔ mu nyina ara bɛfiri mu, na akɔnɔdeɛ a ɛwɔ mu biara bɛdum.

Na da bi bɛba a Wɔbɛbu onipa atɛn wɔ mu ɛfa dwumadie a wadi ato n'anim nyinaa ho, na saa da no ne atɛmmuada no, Allah Okokuroko no kaa sɛ:﴿وَوُضِعَ الْكِتَابُ فَتَرَى الْمُجْرِمِينَ مُشْفِقِينَ مِمَّا فِيهِ وَيَقُولُونَ يَا وَيْلَتَنَا مَالِ هَذَا الْكِتَابِ لاَ يُغَادِرُ صَغِيرَةً وَلاَ كَبِيرَةً إِلاَّ أَحْصَاهَا وَوَجَدُوا مَا عَمِلُوا حَاضِرًا وَلاَ يَظْلِمُ رَبُّكَ أَحَدًا﴾ {Na wɔbɛ bue nnwumadie nwoma no mu ato hɔ, na wobɛhunu sɛ atirimuɔdenfoɔ no abɔ hu ɛnam deɛ ɛwɔ mu nti, na wɔnom bɛka sɛ, '' Yeeh due nka yɛn! ɛdeɛn nwoma na ɛnnyae biribi ketewa bi anaa kɛseɛ bi agye sɛ akan yi?'' Na wɔnom bɛnya wɔn nnwumadie wɔ wɔn anim, na wo Wura (Allah) deɛ Ɔnsisiri obiara}.[Kahaf : 49].

Na Allah Okokuroko Tumifoɔ no abɔ yɛn amaneɛ sɛ onipa biara a ɔmmerɛ ne ho ase (nsom Islamsom no), esipi sɛ ne sankɔbea bɛyɛ ogya dareɛ no mu afebɔɔ.

Na brɛguo nyɛ adeɛ a ɛyɛ mmrɛ koraa na mmom ɛyɛ kɛse,Okokuroko no aka sɛ:﴿وَمَن يَبْتَغِ غَيْرَ الْإِسْلَامِ دِينًا فَلَن يُقْبَلَ مِنْهُ وَهُوَ فِي الْآخِرَةِ مِنَ الْخَاسِرِينَ﴾ Na obiara a ɔbɛfiri Islam akyi ahwehwɛ ɔsom foforɔ bi no, yɛnnye ne so; na ɔbɛka brɛguofoɔ no ho Awieeɛ Da no.[Suratul A`l-Imraan: 85].

Islam yɛ ɔsom a wɔ n'akyi no Onyankopɔn nnye ɔsom foforɔ biara ntom.

Nyankopɔn bɔɔ yɛn na ne nkyɛn na yɛsan kɔ na wiase yi yɛ sɔhwe de ma yɛn.

Onipa biara nhunu Nimdikae nokorɛ sɛ: Ma obi nnya awerɛhyem: Saa nkwa yi yɛ tiaa te sɛ dae... na obiara nnim bere a obewu!

Na ne mmuaeɛ bɛn na ɔde bɛma ne Bɔfo wɔ Wusɔre Da no sɛ Ɔbisa no sɛ: Adɛn nti na wanni nokware no akyi a? Adɛn nti na wanni akɔmhyɛfoɔ no nsiano no akyi a?

Enti dɛn na w'aWurade de bɛbua wɔ Wusɔre Da no, berɛ a Wabɔ kɔkɔ wɔ nea ɛbɛfiri mu aba wɔ Islam a wɔnnye nnie no ho, na Waka sɛ atiafoɔ no nkrabea yɛ daa ɔsɛeɛ wɔ egya no mu?

Na Allah Okokuroko no kaa sɛ:﴿وَالَّذِينَ كَفَرُوا وَكَذَّبُوا بِآيَاتِنَا أُولَئِكَ أَصْحَابُ النَّارِ هُمْ فِيهَا خَالِدُونَ﴾ {Na wɔn a wɔnnye nnie na wɔpo Yɛn nsɛnkyerɛnne ahoroɔ no,saa nkorɔfoɔ no ne egya no mu nneduafoɔ}.(Suuratul Baqara :39).

Nyinasoɔ biara nni hɔ mma nea ɔgyae nokware no na ɔsuasua agyanom ne nananom.

Ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn no ka kyerɛ yɛn sɛ nnipa pii po sɛ wɔbɛwura Islam mu esiane suro a wɔsuro fa wɔn astena mu nnoɔma a atwa wɔn ho ahyia.

Nnipa pii po Islam ɛfiri sɛ wɔmpɛ sɛ wɔsesa wɔn gyidie a wɔnya firii wɔn agyanom hɔ anaa wɔnya firii wɔn mpɔtam ne amanfoɔ hɔ, na abɛyɛ wɔn su na wɔn mu pii po ɛnam ahofama ne atorɔ ho akɔnnɔ a ayɛ adedie ama wɔn na ɛsi wɔn kwan.

Na saa nkorɔfoɔ no nyinaa nni yei ho anoyie biara, na wɔbɛgyina Nyankopɔn anim wɔ berɛ a wɔnni nnyinasoɔ biara.

Ɛnyɛ nyinasoɔ mma obi a ɔnnye nnie sɛ Nyankopɔn wɔ hɔ sɛ ɔbɛka sɛ:"Mɛkɔ so ayɛ obi a ɔnnye nni sɛ Nyankopɔn wɔ hɔ efiri sɛ wɔwoo me too abusua a wɔnnye nni sɛ Nyankopɔn wɔ hɔ mu" Mmom, ɛsɛ sɛ ɔde adwene a Nyankopɔn de ama no no di dwuma, susu ɔsoro ne asaase kɛseyɔ ho, na ɔde n'adwene susu ho sɛ ne Bɔfo no de maa no maa ɔhunuiiɛ sɛ amansan yi wɔ Ɔbɔfo.Saa ara nso na obiara a ɔsom aboɔ ne abosom nni nyinasoɔ biara a ɔde bɛsuasua n'agyanom, Mmom ɛsɛ sɛ ɔhwehwɛ nokware na ɔbisa ne ho sɛ "mɛyɛ dɛn asom adeɛ a nkwa nnim na ɛntumi ntie me,na ɛntumi nhunu me, na ɛnnya mfasoɔ biara mma me"?.

Na saa ara nso na ɛsɛ sɛ okristoni a ɔgye nneɛma ɛne nteaseɛ ne adwene bɔ abira di bisa ne ho sɛ"ɛbɛyɛ dɛn na Nyankopɔn atumi akum ne ba a na ɔnyɛ bɔne biara esiane nnipa afoforɔ bi bɔne nti? Yei nyɛ pɛpɛyɛ! Ɛbɛyɛ dɛn na nnipa atumi abɔ Nyankopɔn no ba asɛnnua mu na wɔakum no? So Nyankopɔn ntumi mfa adasamma bɔne nkyɛ wɔn wɔ berɛ a Ɔmma wɔn kwan mma wɔnkum Ne ba no? So Awurade ntumi mmɔ ne ba no ho ban?

Ɛyɛ Onyansafoɔ asɛdeɛ sɛ ɔdi nokware no akyi, na ɛnsɛ sɛ ɔsuasua agyanom ne nananom wɔ atorɔsɛm mu.

Na Allah Okokuroko no kaa sɛ:﴿وَإِذَا قِيلَ لَهُمْ تَعَالَوْا إِلَى مَا أَنْزَلَ اللَّهُ وَإِلَى الرَّسُولِ قَالُوا حَسْبُنَا مَا وَجَدْنَا عَلَيْهِ آبَاءَنَا أَوَلَوْ كَانَ آبَاؤُهُمْ لَا يَعْلَمُونَ شَيْئًا وَلَا يَهْتَدُونَ﴾ {Sε wɔka kyerε wɔn sε, "Mommra deε Allah asane no ne Somafoɔ no nkyεn" a, w'aka sε, "Deε yεhunu yεn nananom soɔ no dɔɔso ma yεn." Ɛwom mpo sɛ na wɔn agyanom nnim hwee na wɔankyerɛ wɔn kwan?}.[Suratul Al-Ma`da:104].

Dɛn na ɛsɛ sɛ obi a ɔpɛ sɛ ɔsakra kɔ Islam mu na osuro n'abusuafoɔ haw ne ateetee ma ne ho ɛyɛ?.

Obiara a ɔpɛ sɛ ɔsakyera kɔ Islam mu na ɔsuro nemantamfoɔ a wɔn atwa ne ho ahyia no, ɔbɛtumi sakyera akɔ Islam mu na ɔde ne Islam asie kɔsi sɛ Onyankopɔn bɛma no kwan pa a ɔbɛtumi ade ne ho na wada ne Islam adi.

Ɛyɛ nyhɛ sɛ Onipa bɛdane akɔ Islam mu ntɛm ara, nanso ɛnsɛ sɛ ɔbɔ wɔn a wɔatwa ne ho ahyia no amanneɛ wɔ ne Islam a wasakra no ho anaasɛ ɔbɛbɔ ho dawuro, sɛ saa bɛdane ɔhaw ama no a.

Hunu sɛ Onipa biara sakra kɔ Islam mu a, ɔbɛyɛ onua ama Muslimfoɔ ɔpepem pii, na ɔbɛtumi ne asɔredan (mosque) anaa Islamfoɔ beaeɛ a ɛwɔ ne man mu no adi nkitaho na wabisa wɔn adwenkyerɛ ne mmoa, na ɛno bɛma wɔn ani agye pii.

Na Allah Okokuroko no kaa sɛ:﴿وَمَنْ يَتَّقِ اللَّهَ يَجْعَلْ لَهُ مَخْرَجًا {Na obibiara a ɔbɛsuro Allah no Ɔbɛyɛ kwan bi ama wapue afiri mu sɛ ɔkɔ ahokyerɛ mu a,وَيَرْزُقْهُ مِنْ حَيْثُ لَا يَحْتَسِب﴾ Na Ɔbɛsan ama no adomakyɛdeɛ afiri beaɛ bi a wanka bi anhyɛ mu}.[Suratul Talaaq 2,3].

Oh ɔkenkanfoɔ onimuonnyamfoɔ!

So ɛnyɛ Allah Ɔbɔadeɛ No a N'ani bɛsɔ yɛn, Ɔno a Ɔde n'adom nyina ara dom yɛn, na Ɔma yɛn aduane wɔ berɛ a na yɛasuma wɔ yɛn nnanom yafunu mu, na Ɔdom yɛn mframa a yɛrehome no seesei a, ɛno ho na hia sene sɛ nnipa ani bɛsɔ yɛn?

So wiase ne atemmuada mu nkonimdie no mfata sɛ wode asetena yi mu akɔnɔdeɛ ɛretwa mu berɛ tiawa yi mu nyinaa bɛbɔ afɔreɛ? Aane! Mede Allah di nse sɛ ɛfata.

Ne saa nti ɛmfata sɛ onipa bɛma neɛ asi atwam wɔ n'abrabɔ mu si no kwan sɛ ɔbɛsiesie ne sa bɔne no na wayɛ biribi a ɛyɛ papa.

Sɛneɛ onipa bɛyɛ ogyedini wɔ nokware mu ɛnnɛ yi! na ɔmpene mma ɔbonsam nsi no kwan sɛ ɔbɛdi nokware no akyi!

Na Allah Okokuroko no kaa sɛ:﴿يَا أَيُّهَا النَّاسُ قَدْ جَاءَكُمْ بُرْهَانٌ مِنْ رَبِّكُمْ وَأَنزلْنَا إِلَيْكُمْ نُورًا مُبِينًا (174) {Oh nnipa ei! esipi sɛ adanseɛ firi mo Awurade nkyɛn aba mo so, na Yɛasiane nhyerɛnee a ɛda adi pefee ama mo} (174)فَأَمَّا الَّذِينَ آمَنُوا بِاللَّهِ وَاعْتَصَمُوا بِهِ فَسَيُدْخِلُهُمْ فِي رَحْمَةٍ مِنْهُ وَفَضْلٍ وَيَهْدِيهِمْ إِلَيْهِ صِرَاطًا مُسْتَقِيمًا﴾ Nti wɔn a wɔagye Allah adi na wɔsɔ No mu pintinn no, Wɔ de wɔn bɛwura ahummɔborɔ ne adom a ɛwɔ No nkyɛn mu na Ɔbɛtene wɔn aba No nkyɛn ɛwɔ kwan tenenee so}.[Suratul An-Nisa 174-175].

So wayɛ krado sɛ wobɛsi gyinaeɛ kɛseɛ pa ara wɔ w'abrabɔ mu?

Sɛ neɛ edikan yi nyina ara tɔ aso mu, na sɛ onipa ahunu nokware wɔ n'akoma mu a, na ɛda no so sɛ ɔtu anamɔn kanee a ɛrebɛma wayɛ muslimini.

Na hwan na ɔrepɛ mmoa sɛ ɔresi gyinaeɛ kɛseɛ wɔ n'abrabɔ mu ne akwankyerɛ wɔ sɛ neɛ ɔbɛdane Muslimini?

Mma ɔmma ne bɔne nsi ne no kwan sɛ ɔwura Islamsom mu, ɛfiri sɛ Allah abɔ yɛn amaneɛ wɔ 'Qur'ani' mu, sɛ Ɔde onipa bɔne nyina ara kyɛ no sɛ ɔgye Islamsom tom na ɔsakra kɔ ne Bɔfo nkyɛn a, mpo sɛ ɔgye Islamsom tom a, ɛyɛ onipa su sɛ ɔbɛsan ayɛ bɔne binom ɛfiri sɛ yɛyɛ nnipa na mmom yɛnyɛ abɔfoɔ a wɔnyɛ bɔne.Na mmom neɛ wɔrehwehwɛ firi yɛn nkyɛn ne sɛ yɛbɛhwehwɛ bɔnefakyɛ afiri Allah hɔ na yɛasakra akɔ No nkyɛn, na sɛ Allah hunu wɔ yɛn mu sɛ yɛagye nokware no atom wɔ ahoɔhare so, na yɛawura Islamsom mu, na yɛaka adansedisɛm mmienu no a, Ɔbɛboa yɛn ama yɛagyae bɔne foforɔ a aka, na obi a ɔbɛgye Allah atom na wadi nokware akyi no, Allah bɛboa no ama wadi nnwuma pa pii, ɛno nti ma onipa mpopo ne ti sɛ ɔbɛwura Islamsom mu seesei a.

Nnyinasosɛm a ɛfa ho bi ne Okokuroko N'asɛm a Waka sɛ:﴿قُلْ لِلَّذِينَ كَفَرُوا إِنْ يَنْتَهُوا يُغْفَرْ لَهُمْ مَا قَدْ سَلَفَ﴾ {Ka kyerɛ abonniayɛfoɔ no, sɛ wɔgyae (bonniayɛsɛm no) a Wɔde wɔn bɔne atwam no bɛkyɛ wɔn}.[Suratul Al-Anfaal 38].

Deɛbɛn na mɛyɛ a mɛdane Muslimini?

Sɛ worewura Islamsom mu yɛ dwumadie a ɛyɛ mmerɛ, na ɛnhia amanneɛ bi anaa aban mu nkrataasɛm anaa gye dɔm binom wɔ hɔ ansa, neɛ ɛhia wɔ onipa so ara ne sɛ ɔka adansedisɛm mmienu no wɔ berɛ a ɔte neɛ ɔreka n'ase na ɔgye neɛ ɔreka no di, na ɛbe sɛ wobɛka sɛ: (''Ash hadu allaa ilaha illa llah, wa ash hadu anna Muhammadar rasuulu llah''). Medi adanseɛ sɛ onyame biara nni hɔ agye Allah na medi adanseɛ nso sɛ Muhammad yɛ Ne somafoɔ, sɛ wobɛtumi aka no wɔ Arabik kasa mu a ɛyɛ papa, na sɛ Arabik kasa no yɛ wo den a, ɛneɛ wobɛtumi aka no wɔ wo kurom kasa mu, sɛ woka woi a; woayɛ Muslimini, na afei ɛsɛ sɛ wosua wo som a ɛbɛyɛ w'anigyeɛ ho fapem wɔ wiase yi mu ha na ɛbɛma wo nkonimdie awieɛ berɛ no (atemmuada).





Hwan na bɔɔ wiase? Na hwan na bɔɔ me? Na deɛn nti na Ɔbɔɔ me?

Owura a Ɔbɔadeɛ Okokuroko no.

Saa Owura yi, Ɔbɔadeɛ Adom Kyekyɛfoɔ no; Ɔno ne Allah Ɔhoteeni Okokuroko no.

Ɔbɔadeɛ Onyankopɔn no su ahodoɔ.

Awurade a yɛsom No no wɔ su a ɛwie pɛyɔ.

Ɛdeɛn nti na Ɔbɔadeɛ Kokuroko no bɔɔ yɛn? Ɛdeɛn na Ɔpɛ firi yɛn hɔ?

Deɛn nti na Asomafoɔ dodoɔ yɛ pii?

Obi ntumi nyɛ gyidieni gye sɛ ɔgye asomafoɔ no nyinaa di.

Deɛn ne Kur'aan kuronkuro a ɛyɛ animuonyam Nwoma no?

Ɛdeɛn ne Nkramosom (Islama)?.

Islam ne anigyeɛ kwan no

Deɛn mfasoɔ na mɛnya sɛ mewura Islamsom mu a?.

Ɛdeɛn na mɛhwere sɛ mepo Islamsom a?

Deɛ ɔpɛ nkonim atemmuada no, na ɛsɛ fata no sɛ ɔwura Islamsom mu, na ɔdi ɔkɔmhyɛni Muhammad (Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no) akyi.

Ɛdeɛn na mehia ansa na mayɛ muslimini?

Mɛntwentwɛn wogyinasie so!.

Nyinasoɔ biara nni hɔ mma nea ɔgyae nokware no na ɔsuasua agyanom ne nananom.

Dɛn na ɛsɛ sɛ obi a ɔpɛ sɛ ɔsakra kɔ Islam mu na osuro n'abusuafoɔ haw ne ateetee ma ne ho ɛyɛ?.

Oh ɔkenkanfoɔ onimuonnyamfoɔ!

So wayɛ krado sɛ wobɛsi gyinaeɛ kɛseɛ pa ara wɔ w'abrabɔ mu?

Deɛbɛn na mɛyɛ a mɛdane Muslimini?


معلومات المادة باللغة العربية